1 Tesalonikafoɔ
1 Paulo ne Silwano+ ne Timoteo+ de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:+
Adom ne asomdwoeɛ nka mo.+
2 Yɛkae mo nyinaa wɔ yɛn mpaebɔ mu na yɛda Onyankopɔn ase daa,+ 3 na daa yɛkae adwuma+ a mode gyidie yɛ, ne adwumaden a mofiri ɔdɔ mu yɛ ne boasetɔ a yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidasoɔ+ nti, moda no adie no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim. 4 Anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yɛnim sɛ wayi mo,+ 5 ɛfiri sɛ asɛmpa a yɛka no amma mo nkyɛn wɔ kasa mu nko, na mmom ɛbaa tumi+ ne honhom kronkron ne awerɛhyem a emu yɛ den mu nso,+ sɛdeɛ mo nti yɛyɛɛ yɛn adeɛ faeɛ+ a monim dada no; 6 na mosuasuaa+ yɛne Awurade,+ ɛfiri sɛ mode honhom kronkron anigyeɛ+ gyee asɛm no ahohia+ pii mu, 7 enti moayɛ nhwɛsoɔ ama agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Akaia no nyinaa.
8 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ sɛ Yehowa asɛm+ no firi mo hɔ atrɛ wɔ Makedonia ne Akaia nko, na mmom Onyankopɔn mu gyidie+ a mowɔ no atrɛ aduru mmaa nyinaa,+ ma enti ɛnhia sɛ yɛka asɛm biara. 9 Na wɔn ara wɔka ɛkwan a yɛfaa so baa mo nkyɛn no ho asɛm, ne sɛdeɛ modane firii mo ahoni+ ho baa Onyankopɔn nkyɛn sɛ morebɛsom Onyankopɔn teasefoɔ+ ne ɔnokwafoɔ+ no; 10 mobaa ne nkyɛn sɛ morebɛtwɛn+ ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ no afiri soro,+ Yesu a ɔregye yɛn afiri abufuo a ɛreba no mu no.+