Marko
16 Enti homeda+ no twaam no, Maria Magdalene+ ne Yakobo maame Maria ne Salome de aduhwam baa sɛ wɔde rebɛsra no.+ 2 Na nnawɔtwe no da a ɛdi kan+ no wɔkɔɔ ɛda no so ntɛm, na na awia apue.+ 3 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwan na ɔbɛmuni boɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn?” 4 Na wɔmaa wɔn ani soɔ no, wɔhunuu sɛ wɔamuni ɛboɔ kɛseɛ no afiri hɔ.+ 5 Berɛ a wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔn akoma tuiɛ.+ 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma mo akoma nntu. Morehwehwɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+ Wɔanyane+ no na ɔnni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ no.+ 7 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Ɔredi mo anim akɔ Galilea;+ ɛhɔ na mobɛhu no sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.’”+ 8 Na wɔpueeɛ no wɔdwane firii ɛda no so kɔeɛ, ɛfiri sɛ na wɔn ho repopo na awɔse agu wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na wɔabɔ hu.+
ASƐM NO AWIEEƐ A ƐYƐ TIA
Asɛntiaa te sɛ deɛ ɛdi soɔ yi toa Marko 16:8 so wɔ akyire yi nsaano ntwerɛeɛ ne nkyerɛaseɛ ahodoɔ bi mu:
Wɔkaa nneɛma a wɔahyɛ wɔn nyinaa ho asɛm tiawa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Petro nkyɛn no. Bio nso, yeinom akyi no, Yesu no ara de daa nkwagyeɛ ho asɛnka kronkron a ɛmporɔ no somaa wɔn firii apueeɛ kɔɔ atɔeɛ.
ASƐM NO AWIEEƐ A ƐWAREƐ
Tete nsaano ntwerɛeɛ (Codex Alexandrinus, Codex Ephraemi, Codex Bezae) ne nkyerɛaseɛ ahodoɔ (Latin Vulgate, Curetonian Syriac, Syriac Peshitta) bi de asɛm a ɛware a ɛdi soɔ yi ka ho, nanso Codex Sinaiticus, Codex Vaticanus, Sinaitic Syriac codex, ne Armenian Version no yi firi mu:
9 Berɛ a ɔsɔree ntɛm, nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, ɔdii kan yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu adaemone nson firii ne mu no. 10 Ɔkɔbɔɔ wɔn a na wɔka ne ho a wɔredi awerɛhoɔ na wɔresu no amanneɛ. 11 Na wɔn deɛ, berɛ a wɔtee sɛ waba nkwa mu ama wahu no no, wɔannye anni. 12 Bio nso, yeinom akyi no ɔyii ne ho adi tebea foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu mmienu a wɔnam, berɛ a na wɔnam kwan so rekɔ akuraa no; 13 na wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn a wɔaka no amanneɛ. Na wɔannye yeinom nso anni. 14 Nanso akyire yi ɔyii ne ho adi kyerɛɛ dubaako no nso berɛ a wɔtete pono ho redidie, na gyidie a wɔnnie ne wɔn akomaden nti ɔkaa wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔannye wɔn a na wɔahu no sɛ wanyane afiri awufoɔ mu no anni. 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa. 16 Deɛ ɔgye die na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no deɛ wɔbɛbu no fɔ. 17 Bio nso, nsɛnkyerɛnne yi bɛdi wɔn a wɔgye die no akyi: Wɔde me din bɛtu adaemone, na wɔbɛka kasa hodoɔ, 18 na wɔde wɔn nsa bɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduro a, hwee renyɛ wɔn. Wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so na wɔn ho ayɛ wɔn den.”
19 Enti afei, berɛ a Awurade Yesu kasa kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, wɔfaa no kɔɔ soro na ɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. 20 Ɛnna wɔfirii adi kɔkaa asɛm no baabiara, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma na ɔnam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no mu den.