Hesekiel
17 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, to Israel fie aborɔme+ na yɛ mfatoho kyerɛ wɔn.+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da bi ɔkɔdeɛ+ kɛseɛ a ɔwɔ ntaban+ akɛseɛ ne ntakra atenten, a ntakra nworonworan ayɛ ne ho mã, baa Lebanon+ bɛbuu tweneduro+ ntɛntɛnoa.+ 4 Ɔpan dua no mman frɔmfrɔm no nkɔnmu de baa Kanaan asase so,+ na ɔkɔduaa no adwadifoɔ kuro bi so. 5 Afei ɔfaa asase no so aba+ no bi kɔduaa no afusase bi so. Ɔduaa no nsuo pii ano sɛ nsunoa dua.+ 6 Ɛfifiiɛ na ɛde nkakrankakra nyini bɛyɛɛ bobe fɛfɛɛfɛ. Ankɔ soro,+ na ne mman ka buaa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase. Afei ɛbɛyɛɛ bobe, na ɛfefɛeɛ na ɛnyaa nkorabata.+
7 “‘“Na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ+ a ɔwɔ ntaban ne ntakra akɛseɛ baeɛ.+ Na bobe no de ɛkɔm anibereɛ trɛɛ ne nhini no mu kɔɔ ne so.+ Na ɛtrɛɛ ne mman mu firii n’akofie so kɔɔ ne nkyɛn+ sɛ ɔngugu ne so nsuo. 8 Wɔduaa no asase pa so, baabi a nsuo pii wɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyiyi mman na aso aba, na anyini abɛyɛ bobe dua kɛseɛ.”’
9 “Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛbɛyɛ yie nie?+ Obi rentutu ne nhini+ no na ɔremma n’aba no ntwintwam anaa? Na deɛ afefɛ wɔ ho a wɔapempan no nso renwu anaa?+ Ɛbɛwu. Ɛnyɛ nsa kɛseɛ anaa dɔm na wɔde bɛtu n’ase. 10 Ɛwom sɛ wɔtu kɔduaeɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ yie nie? Sɛ apueeɛ mframa fa ho a,+ ɛrenwu anaa? Hwɛ, ɛbɛwu wɔ akofie a ɛfifii soɔ no so.”’”+
11 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 12 “Bisa atuateɛ fie+ no sɛ, ‘Monte yei ase anaa?’ Ka sɛ, ‘Hwɛ, Babilon hene baa Yerusalem bɛfaa ne hene+ ne ne mpanimfoɔ, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn wɔ Babilon.+ 13 Afei ɔfaa adehyeɛ no baako*+ ne no yɛɛ apam na ɔmaa no kaa no ntam;+ na ɔfaa asase no so atitire de wɔn kɔeɛ,+ 14 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no bɛbrɛ aseɛ,+ na amma ne ho so, na sɛ ɛdi n’apam no so a, agyina.+ 15 Nanso ɔtee atua+ tiaa no, na ɔsoma kɔɔ Egypt sɛ wɔmma no apɔnkɔ+ ne dɔm kɛseɛ. Ɛbɛsi no yie? Deɛ ɔyɛ yei no bɛfa ne ho adi? Deɛ wabu apam soɔ no bɛfa ne ho adi anaa?’+
16 “‘“Sɛ mete aseɛ yi,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “baabi a ɔhene a ɔde no dii adeɛ teɛ no, ɛhɔ ara na ɔbɛwu wɔ Babilon;+ ɔtotoo ɔhene yi ntam ase,+ na ɔbuu n’apam so. 17 Farao remfa asraafoɔdɔm anaa asafodɔm mmoa no ɛko no mu;+ ɔrensi pampim nto akoban, na ama no atumi akunkum akra pii.+ 18 Watoto ntam ase+ na wabu apam so, na hwɛ, watene ne nsa+ adi nse na wayɛ yeinom nyinaa. Enti ɔremfa ne ho nni.”’+
19 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ mete aseɛ yi, me ntam a ɔtotoo no ase+ ne m’apam a wabu soɔ nti, mɛtwe n’asõ. 20 Mɛtrɛ m’atena mu agu ne so, na m’atena bɛyi no;+ na mede no bɛba Babilon na me ne no adi wɔ hɔ, nokorɛ a wanni me nti.+ 21 Na n’asraafoɔ a wɔbɛdwane no nyinaa bɛwuwu wɔ nkrantɛ ano, na wɔbɛpete wɔn a wɔaka no ama mframa.+ Afei mobɛhunu sɛ me Yehowa na maka.”’+
22 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛbu tweneduro kokuroo no nkɔnmu no bi akɔdua;+ na mɛbu deɛ afefɛ frɔmfrɔm+ no bi so akɔtɛ wɔ bepɔ tenten kokuroo bi so.+ 23 Mɛdua no Israel bepɔ tenten so,+ na ɛbɛyiyi mman na aso aba,+ na anyini abɛyɛ tweneduro kɛseɛ.+ Nnomaa ahodoɔ nyinaa bɛba aseɛ, na wɔbɛtenatena ne nwunu ase.+ 24 Na wuram nnua nyinaa bɛhunu sɛ me Yehowa+ na mabrɛ dua tenten no aseɛ,+ na mama dua a ɛwɔ fam so;+ mama dua mono awu,+ na mama duawuiɛ afefɛ. Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”+