Romafoɔ
7 Anaasɛ monnim, anuanom, (mekasa kyerɛ wɔn a wɔnim mmara no) sɛ Mmara no di onipa so berɛ tenten a ɔte aseɛ?+ 2 Ɛno nti mmara akyekyere ɔbaa warefoɔ afam ne kunu ho berɛ a ɔbarima no te aseɛ no; nanso sɛ ne kunu no wu a, na wade ne ho afiri ne kunu mmara no ho.+ 3 Ne saa nti berɛ a ne kunu te aseɛ no, sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforɔ dea a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ.+ Nanso sɛ ne kunu wu a, na wade ne ho afiri ne mmara ase, na sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforɔ dea a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.+
4 Enti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so aku mo ama Mmara+ no sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ dea,+ deɛ wɔnyanee no firii awufoɔ mu+ no, na yɛaso aba+ ama Onyankopɔn. 5 Na berɛ a yɛyɛɛ honam nneɛma+ no, akɔnnɔ bɔne a ɛnam Mmara no so baeɛ no yɛɛ adwuma wɔ yɛn akwaa mu, sɛ yɛnso aba nkɔ owuo mu.+ 6 Nanso afei deɛ wɔasane yɛn afiri Mmara no ho,+ ɛfiri sɛ yɛawu+ ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no na yɛnam honhom+ no so ayɛ nkoa+ ɛkwan foforɔ so, na ɛnyɛ ɛkwan dada a ɛgyina atwerɛ no soɔ no.+
7 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka? Mmara no yɛ bɔne anaa?+ Dabida! Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ Mmara no a, anka mennim bɔne;+ nhwɛsoɔ bi ne sɛ, sɛ Mmara no anka sɛ: “Mma w’ani mmmere adeɛ”+ a, anka mennim anibereɛ.+ 8 Na mmom ɛnam mmara asɛm+ no soɔ no, bɔne nyaa hokwan yɛɛ anibereɛ nyinaa bi wɔ me mu, ɛfiri sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne awu.+ 9 Nokorɛm no, makwati mmara atena ase pɛn;+ nanso berɛ a mmara asɛm no baeɛ no,+ bɔne nyanee bio, na me deɛ, mewuiɛ.+ 10 Na mmara asɛm a ɛkɔ nkwa mu no,+ mebɛhunuu sɛ ɛkɔ owuo mu+ mmom. 11 Na bɔne nam mmara asɛm no so nyaa nnyinasodeɛ daadaa+ me, na ɛnam so kuu me. 12 Enti Mmara no ara yɛ kronkron,+ na mmara asɛm no yɛ kronkron, ɛtene,+ na ɛyɛ papa.+
13 Ɛnneɛ adepa danee owuo maa me anaa? Dabida! Na mmom bɔne na ɛyɛɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ bɔne na ɛnam adepa so de owuo baa me soɔ;+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne nam mmara asɛm no so bɛda adi kɛse.+ 14 Na yɛnim sɛ Mmara no yɛ honhom+ mu adeɛ; na me deɛ, meyɛ honam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ.+ 15 Na deɛ meyɛ no, mennim. Ɛfiri sɛ deɛ mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ; na mmom deɛ mekyire na meyɛ. 16 Nanso, sɛ deɛ mempɛ na meyɛ+ a, ɛnneɛ megye tom sɛ Mmara no yɛ.+ 17 Afei deɛ ɛnyɛ me ara na meyɛ bio, na mmom bɔne a ɛte me mu no.+ 18 Na menim sɛ me mu, kyerɛ sɛ, me honam mu deɛ, biribi pa biara nte mu;+ ɛfiri sɛ ɔpɛ+ no deɛ ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ+ papa no nni hɔ. 19 Na papa a mepɛ no, menyɛ,+ na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ. 20 Enti sɛ deɛ mempɛ na meyɛ a, ɛnneɛ na ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom bɔne a ɛte me mu no.+
21 Enti mehunu mmara yi me ho sɛ: berɛ a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛtene+ no, bɔne na ɛwɔ me ho.+ 22 Na me mu+ deɛ, m’ani gye+ Onyankopɔn mmara ho yie, 23 nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ m’akwaa+ mu a ɛne m’adwene mu mmara+ ko+ na ɛfa me dommum ma bɔne mmara+ a ɛwɔ m’akwaa mu no. 24 M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri nipadua a ɛrekɔ owuo mu yi mu?+ 25 Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!+ Afei me ara mede m’adwene ayɛ akoa ama Onyankopɔn mmara,+ na mede me honam ayɛ akoa ama bɔne mmara.+