Asomafoɔ Nnwuma
14 Na wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan+ mu wɔ Ikoniom,+ na wɔkasa maa nnipakuo kɛseɛ bi a wɔfiri Yudafoɔ ne Helafoɔ+ mu danee agyidifoɔ. 2 Na Yudafoɔ a wɔannye annie no tutu guu+ amanaman mufoɔ no asom maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne.+ 3 Enti wɔde berɛ pii tenaa hɔ de Yehowa tumi kasaa akokoɔduro so; ɔno na ɔnam sɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔfaa wɔn nsa so yɛeɛ+ no so dii n’adom ho asɛm no ho adanseɛ. 4 Nanso, nnipakuo a wɔwɔ kurom hɔ no mu kyɛɛ mmienu, na ebinom kɔɔ Yudafoɔ no afã na afoforɔ nso kɔɔ asomafoɔ no afã. 5 Afei berɛ a amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn sodifoɔ no bɔɔ kirididi sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa asi wɔn aboɔ+ 6 na wɔteeɛ no, wɔdwane+ kɔɔ Likaonia nkuro Listra ne Derbe ne asase a atwa ho ahyia so; 7 na wɔkɔɔ so kaa asɛmpa+ no wɔ hɔ.
8 Ná ɔbarima bi wɔ Listra a ɔte hɔ a ɔntumi nnyina ne nan soɔ; ɔyɛ obubuafoɔ firi ne maame yam,+ na ɔnnantee da. 9 Saa ɔbarima yi tiee Paulo kasa, na berɛ a ɔhwɛɛ no dinn no, ɔhunuu sɛ ɔwɔ gyidie+ a ɛbɛtumi ama ne ho ayɛ no den, 10 na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Sɔre gyina wo nan so pintinn.” Na ɔhuri gyina firii aseɛ nanteeɛ.+ 11 Na nnipakuo no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: “Anyame+ ayɛ wɔn ho sɛ nnipa asiane aba yɛn nkyɛn!” 12 Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, ne Paulo nso Hermes, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔdi animu kasa. 13 Na Seus sɔfoɔ a n’asɔredan wɔ kurotia no de anantwie ne nhwiren abotire baa ɛpono no ano, na ɔpɛɛ sɛ ɔne nnipakuo no bɔ afɔdeɛ.+
14 Nanso, berɛ a asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ no, wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ ngugusoɔ mu de ahoɔherɛ kɔɔ nnipakuo no mu teateaam 15 kaa sɛ: “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa+ a yɛwɔ mmerɛyɛ+ te sɛ mo ara, na yɛreka asɛmpa akyerɛ mo na ama moadane mo ho afiri nneɛma hunu+ yi ho aba Onyankopɔn teasefoɔ+ a ɔyɛɛ ɔsoro+ ne asase ne po ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no nkyɛn. 16 Awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no mu no ɔgyaa amanaman no nyinaa maa wɔfaa wɔn ara kwan so,+ 17 nanso nokorɛm no, wannyae ne ho adansedie ɛfiri sɛ ɔyɛɛ papa,+ maa mo nsuo+ firii soro ne mmerɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne abotɔyam hyɛɛ mo akoma mã.”+ 18 Nanso wɔka brɛeɛ ansa na nnipakuo no regyae afɔdeɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔbɔ ma wɔn no.
19 Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikoniom ba bɛdanee nnipakuo no ti,+ na wɔsii Paulo aboɔ twee no kɔɔ kuro no akyi susuu sɛ wawu.+ 20 Nanso, berɛ a asuafoɔ no twaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.+ 21 Na berɛ a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kuro no wieeɛ na wɔnyaa asuafoɔ+ dodoɔ bi no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia 22 kɔhyɛɛ asuafoɔ no akra den,+ hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidie no mu, na wɔkaa sɛ: “Ɛtwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu de kɔ Onyankopɔn ahennie mu.”+ 23 Bio nso, wɔyii mpanimfoɔ+ maa wɔn wɔ asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ+ de wɔn hyɛɛ Yehowa a wɔabɛnya ne mu gyidie no nsa.+
24 Na wɔkɔfaa Pisidia baa Pamfilia,+ 25 na berɛ a wɔkaa asɛm no wɔ Perga wieeɛ no, wɔsiim kɔɔ Atalia. 26 Na wɔfirii hɔ de po so hyɛn kɔɔ Antiokia,+ baabi a berɛ bi wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa na ɔnam n’adom so boa maa wɔyɛɛ adwuma a wɔawie koraa no.+
27 Berɛ a wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no nyinaa boaa ano no, wɔkaa+ nneɛma pii a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ ne sɛdeɛ wabue ɛpono a ɛkɔ gyidie mu ama amanaman no kyerɛeɛ.+ 28 Enti wɔtenaa asuafoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.