Efesofoɔ
5 Enti monsuasua Onyankopɔn+ sɛ mma adɔfo, 2 na monkɔ so nnante ɔdɔ mu+ sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo+ na ɔde ne ho maa mo sɛ ayɛyɛdeɛ+ ne afɔdeɛ hwamhwam a wɔde ma Onyankopɔn+ no.
3 Adwamammɔ+ ne afĩdeyɛ biara anaa adufudepɛ+ deɛ, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu,+ sɛdeɛ ɛsɛ nnipa kronkron;+ 4 sɛ́ ɛyɛ aniwudeɛ+ anaa ahuhusɛm anaa nsɛnkwaa a kasafĩ+ wom, a ɛyɛ nneɛma a ɛnsɛ no, na mmom aseda a wɔde ma.+ 5 Ɛfiri sɛ monim yei, na mo ara mogye tom sɛ odwamammɔfoɔ+ anaa deɛ ɔyɛ afĩdeɛ biara anaa odifudepɛfoɔ+—a ɛkyerɛ ɔbosonsonni—nni apɛgyadeɛ biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahennie mu.+
6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo,+ na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuo reba asoɔden mma+ soɔ. 7 Enti mo ne wɔn nnnya twaka;+ 8 na kane no na moyɛ sum,+ nanso afei deɛ moayɛ hann+ Awurade mu. Monkɔ so nnante sɛ hann mma, 9 ɛfiri sɛ hann aba no ne papayɛ ne tenenee ne nokorɛ+ nyinaa. 10 Monkɔ so nhwehwɛ mu nhunu deɛ ɛsɔ Awurade ani;+ 11 na mommfa mo ho mmmɔ wɔn+ nnyɛ sum nnwuma+ a ɛnso aba no bi, na mmom monkɔ so nyi ho ntɛn+ mpo, 12 ɛfiri sɛ nneɛma a wɔyɛ no ahuntaeɛ mu no, ɛyɛ aniwu mpo sɛ wɔbɛka ho asɛm.+ 13 Na nneɛma a wɔyi ho ntɛn+ nyinaa, hann na ɛma no da adie, ɛfiri sɛ biribiara a wɔyi no adie+ no yɛ hann. 14 Enti ɔka sɛ: “O wo a woada, nyane,+ na sɔre firi awufoɔ mu,+ na Kristo no bɛhyerɛn+ wo so.”
15 Enti monhwɛ yie paa na sɛdeɛ monanteɛ+ no anyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa na mmom sɛ anyansafoɔ, 16 na montɔ berɛ+ a mobɛnya biara, ɛfiri sɛ nna no yɛ nna bɔne.+ 17 Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monkɔ so nhunu+ Yehowa apɛdeɛ.+ 18 Afei nso, mommmoro+ nsã, ɛfiri sɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam,+ na mmom monkɔ so mma honhom nhyɛ mo mã,+ 19 na momfa nnwom+ ne ayeyie+ ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho, na monto dwom+ nnyegye ho+ mo akoma mu mma Yehowa, 20 na monna Onyankopɔn ase+ daa wɔ biribiara mu, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
21 Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho+ wɔ Kristo suro mu. 22 Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase+ mma wɔn ara wɔn kununom te sɛ deɛ wɔreyɛ ama Awurade, 23 ɛfiri sɛ okunu yɛ ne yere ti,+ sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no ti+ no, na ɔne nipadua yi agyenkwa. 24 Nokorɛm no, sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na momma ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom biribiara mu.+ 25 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom+ sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no,+ 26 na ɔnam asɛm+ no so de nsuo ahohoro ho ate ho,+ 27 na ama ɔde asafo no asi hɔ animuonyam+ mu ama ɔno ara, a nkekaeɛ anaa mpomponoeɛ anaa deɛ ɛte saa biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm biara nni ho.+
28 Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara wɔn nipadua. Deɛ ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, 29 na onipa biara ntan ɔno ara ne honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho+ sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no, 30 ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa.+ 31 “Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn mmienu no abɛyɛ ɔhonam korɔ.”+ 32 Ahuntasɛm kronkron+ yi sõ. Kristo ne asafo no ho asɛm na mereka+ yi. 33 Nanso mo ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere+ sɛ ne ho; na ɔyere deɛ, ɔnnya obuo kɛseɛ+ mma ne kunu.