Romafoɔ
11 Afei mebisa sɛ, Onyankopɔn poo ne man anaa?+ Ɛrentumi mma saa da! Ɛfiri sɛ me nso meyɛ Israelni+ a mefiri Abraham ase, Benyamin abusuakuo mu.+ 2 Onyankopɔn ampo ne man a ɔdii kan hunuu wɔn+ no. Adɛn, monnim deɛ Twerɛnsɛm no ka fa Elia ho, berɛ a ɔbɔɔ Israel soboɔ Onyankopɔn anim no?+ 3 Ɛse: “Yehowa, wɔakunkum w’adiyifoɔ, na w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me kra.”+ 4 Nanso ɛdeɛn na Onyankopɔn paee mu ka+ kyerɛɛ no? “Mama mmarima mpemnson aka ama me a wɔmmuu nkotodwe nkotoo Baal.”+ 5 Enti saa ara na berɛ a yɛwom yi nso nkaefoɔ+ bi aba a wɔnam adom so ayi wɔn.+ 6 Na sɛ ɛnam adom+ so a, ɛnneɛ na ɛmfiri nnwuma+ mu bio; anyɛ saa a anka adom no nyɛ adom+ bio.
7 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Deɛ Israel ani abere rehwehwɛ no wannya,+ na wɔn a wɔayi wɔn no na wɔnyaeɛ.+ Wɔn a aka no nkateɛ ano akum;+ 8 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Onyankopɔn ama wɔn nnahɔɔ honhom,+ wama wɔn ani a wɔntumi mfa nhwɛ adeɛ ne asõ a wɔntumi mfa nte asɛm de bɛsi nnɛ da yi.”+ 9 Afei nso Dawid ka sɛ: “Ma wɔn didipono nyɛ fidie ne adwaa ne suntidua ne asotwe mma wɔn;+ 10 ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔnkuntunu wɔn mu daa.”+
11 Enti mebisa sɛ, wɔsunti maa wɔhwee ase+ koraa? Ɛrentumi mma saa da! Na mmom watiri a wɔwatiriiɛ+ no ama amanaman mufoɔ anya nkwagyeɛ+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛka wɔn ama wɔatwe ninkunu.+ 12 Na sɛ watiri a wɔwatiriiɛ no kyerɛ ahonya ma wiase, na wɔn so a ɛhwan kyerɛ ahonya ma amanaman mufoɔ+ a, ɛnneɛ hwɛ deɛ ɛbɛkyerɛ berɛ a wɔn dodoɔ bɔ ano!+
13 Afei mekasa kyerɛ mo, amanaman mufoɔ. Ɛsiane sɛ meyɛ ɔsomafoɔ+ paa ma amanaman+ no nti, mehyɛ me som+ animuonyam,+ 14 sɛ ebia mɛfa kwan bi so ama wɔn a wɔyɛ me honam no atwe ninkunu na magye wɔn mu binom nkwa.+ 15 Na sɛ to a wɔtoo wɔn tweneeɛ+ no kyerɛ mpata+ ma wiase a, ɛnneɛ sɛ wɔgye wɔn ba mu a, ɛnyɛ nkwa a wɔnya firi awufoɔ mu na ɛbɛkyerɛ? 16 Bio nso sɛ ɛfã a wɔfaeɛ sɛ aba a ɛdi kan+ no yɛ kronkron a,+ ɛnneɛ na toa no nyinaa nso te saa; na sɛ nhini no yɛ kronkron a, ɛnneɛ na nnuban no nso te saa.
17 Nanso sɛ wɔbubuu nnuban no bi firii so, maa wɔde wo a woyɛ wuram ngodua no abɛtɛ mu+ ama woabɛnya ngodua+ no nhini mu nnepa+ no mu kyɛfa a, 18 nni nnuban no ho ahurisie. Na sɛ wodi ho ahurisie a,+ ɛnyɛ wo na wokura nhini no,+ na mmom nhini no na ɛkura woɔ.+ 19 Afei wobɛka sɛ: “Wɔbubuu nnuban no firii so+ na wɔde me atɛ mu.”+ 20 Ampa! Gye a wɔannye annie+ nti na wɔbubuu wɔn firii soɔ, na wo deɛ, gyidie nti na wogyina hɔ.+ Nnwene akɛsesɛm,+ na mmom suro adeɛ.+ 21 Na sɛ Onyankopɔn ankora nnuban a ɛfiri dua no ara mu no so a, saa ara na ɔrenkora wo soɔ.+ 22 Enti hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yam yɛ+ na ɔsan yɛ den+ nso. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔhwee aseɛ no so,+ nanso wo deɛ, Onyankopɔn yi ayamyɛ adi kyerɛ wo, berɛ dodoɔ a wotena+ n’ayamyɛ mu no; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso afiri so.+ 23 Wɔn nso, sɛ wɔankɔ so antena ase sɛ nnipa a wɔnni gyidie a, wɔde wɔn bɛtɛ mu;+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛtumi asan de wɔn abɛtɛ mu bio. 24 Ɛfiri sɛ sɛ wɔtwaa wo firii wuram ngodua ho de wo bɛtɛɛ+ turo mu ngodua a ɛne ne su nhyia mu a, mprɛ ahe ara na wɔremfa yeinom a wɔkura ne su no bi mmɛtɛ wɔn ara ngodua no mu!+
25 Na anuanom, mempɛ sɛ ahuntasɛm kronkron+ yi sie mo, na moanyɛ anyansafoɔ mo ara mo ani so: ɛne sɛ Israel fã bi akoma apirim+ de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no dodoɔ+ bɛsõ,+ 26 na saa kwan yi so na Israel+ nyinaa bɛnya nkwa. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔgyefoɔ no bɛfiri Sion aba+ na wadane amumuyɔsɛm afiri Yakob.+ 27 Na yei ne apam a me ne wɔn bɛyɛ+ berɛ a meyi wɔn bɔne kɔ no.”+ 28 Ampa, ɛfa asɛmpa no ho no, mo nti wɔyɛ atamfo,+ nanso yi a Onyankopɔn ayi wɔn no ho deɛ, wɔn agyanom nti wɔyɛ adɔfo.+ 29 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn rennu ne ho wɔ n’akyɛdeɛ ne ne frɛ ho.+ 30 Na sɛdeɛ berɛ bi na moyɛ Onyankopɔn so asoɔden,+ na afei deɛ wɔahu mo mmɔbɔ+ ɛsiane wɔn asoɔden nti+ no, 31 saa ara na afei yeinom ayɛ asoɔden ama wɔahu mo mmɔbɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso, wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ seesei. 32 Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ asoɔden mu+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu wɔn nyinaa mmɔbɔ.+
33 O hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahonya+ ne nyansa+ ne nimdeɛ mu dɔ fa!+ Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmuo mu,+ na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da! 34 Na “hwan na wabɛhunu Yehowa adwene,+ anaasɛ hwan na wabɛyɛ ne fotufoɔ?”+ 35 Anaasɛ, “Hwan na wadi kan ama no biribi a enti ɛsɛ sɛ ɔtua hyɛ mu?”+ 36 Ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa firi ne mu, ɛnam ne so, na ɛwɔ no.+ Ɔno na animuonyam nka no daa daa.+ Amen.