Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam; berɛ a Saul somaa sɛ wɔnkɔwɛn ne fie nku no no.+
59 O me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfo nsam;+
Bɔ me ho ban wɔ wɔn a wɔsɔre tia me no ho.+
2 Gye me firi amumuyɔfoɔ nsam,+
Na gye me firi mogyapɛfoɔ nsam.
3 Hwɛ! Wɔtɛ me kra;+
Na ahoɔdenfoɔ to hyɛ me so,+
Berɛ a menyɛɛ mmaratodeɛ anaa bɔne biara, O Yehowa.+
4 Mennii mfomsoɔ biara, nanso wɔtu mmirika siesie wɔn ho.+
Sɛ mefrɛ wo a sɔre, na hwɛ.+
5 Na wo, asafo Yehowa Nyankopɔn, wone Israel Nyankopɔn.+
Sɔre na hwɛ amanaman nyinaa.+
Nhu ɔbɔnefoɔ fatwafoɔ biara mmɔbɔ.+ Sela.
6 Wɔba anwummerɛ biara;+
Wɔpɔ so sɛ kraman,+ na wɔtwa kuro no ho hyia.+
7 Hwɛ! Wɔde wɔn ano woro nsɛm basabasa;+
Nkrantɛ wɔ wɔn ano,+
Na hwan na ɔretie?+
8 Na wo, Yehowa, wobɛsere wɔn;+
Wobɛdi amanaman nyinaa ho fɛ.+
9 M’ahoɔden, O wo na m’ani da wo soɔ;+
Onyankopɔn ne m’abantenten.+
10 Adɔeɛ Nyankopɔn no de animteɛ bɛhyia me;+
Onyankopɔn bɛma m’ani ahwɛ m’atamfo.+
11 Nku wɔn na me man werɛ amfiri.+
Fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam;+
O yɛn kyɛm Yehowa, ma wɔnhwe ase,+
12 Wɔn anom asɛm bɔne ne nsɛm a wɔn kɛtrɛma keka+ nti;
Ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu,+
Nse a wɔdie ne nnaadaasɛm a daa wɔka nti.
13 Ma wɔn awieeɛ mmra, w’abufuo mu;+
Ma wɔn awieeɛ mmra na wɔmfiri hɔ;
Ma wɔnhunu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so kɔsi asase ano nohoa.+ Sela.
14 Ma wɔmmra anwummerɛ;
Ma wɔmpɔ so sɛ kraman, na wɔntwa kuro no ho nhyia.+
15 Ma wɔnnenam basabasa nhwehwɛ deɛ wɔbɛdie,+
Mma wɔmmmee, na anadwo nso, mma wɔnnnya baabi nnna.+
16 Na me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom,+
Na anɔpa, mede anigyeɛ bɛka w’adɔeɛ ho asɛm.+
Ɛfiri sɛ woayɛ m’abantenten,+
Ne m’ahohia berɛ mu dwankɔbea.+
17 M’ahoɔden, wo na mɛto dwom ama woɔ;+
Onyankopɔn ne m’abantenten, Onyankopɔn a ɔyɛ me adɔeɛ no.+