Sakaria
14 “Hwɛ, da bi reba, Yehowa da,+ na wɔbɛkyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu. 2 Na mɛboaboa amanaman nyinaa ano ama wɔne Yerusalem abɛko,+ na wɔbɛfa kuro no+ afom emu adan na wɔato mmaa mmonnaa.+ Na kuro no fã bɛkɔ nkoasom+ mu, na wɔn a wɔbɛka no deɛ,+ wɔrentwa wɔn mfiri kuro no mu.+
3 “Na Yehowa bɛfiri adi ne aman no akɔko+ sɛdeɛ ɔkoo ne ko da no.+ 4 Saa da no, ne nan bɛsi ngodua bepɔ a ɛsi Yerusalem anim wɔ apueeɛ fam no so,+ na ngodua bepɔ+ no mu bɛpae+ mmienu afiri awiapueeɛ akɔsi atɔeɛ. Na bɔn kɛseɛ paa bɛda hɔ, na bepɔ no fã bɛtwe akɔ atifi fam na fã akɔ anafoɔ fam. 5 Na mobɛdwane akɔ me mmepɔ bɔn mu,+ ɛfiri sɛ mmepɔ bɔn no bɛkɔ akɔduru Asel tɔnn. Na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ a ɛsii Yuda hene Usia+ berɛ soɔ no. Na Yehowa me Nyankopɔn bɛba+ a akronkronfoɔ nyinaa ka ne ho.+
6 “Saa da no, hann biara remma,+ na awɔ bɛma nneɛma akyenkyene.+ 7 Na wɔbɛbu saa da no sɛ Yehowa da.+ Adekyeeɛ nni hɔ na adesaeɛ nni hɔ;+ na anwummerɛ mpo bɛyɛ hann.+ 8 Ɛda no, nkwa nsuo+ bɛtene afiri Yerusalem,+ ɛfã bɛkɔ apueeɛ po+ mu na ɛfã akɔ atɔeɛ po+ mu. Ɛbɛba ahuhuro ne awɔ berɛ mu.+ 9 Na Yehowa bɛdi hene wɔ asase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ baako+ na ne din ayɛ baako.+
10 “Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba,+ firi Geba+ kɔsi Rimon+ akɔpem Yerusalem anafoɔ fam; na ɔbɛsɔre na nnipa bɛba abɛtena ne mu,+ firi Benyamin Pono+ no ano kɔsi Kane Pono no ano tɔnn, na ɛbɛkɔ akɔsi Ntwea Pono no ano, na ɛbɛfiri Hananel Abantenten+ no ho akɔsi ɔhene nsã-kyi-amena no ho. 11 Nnipa bɛba abɛtena mu, na abusudeɛ biara remma hɔ bio;+ wɔbɛtena Yerusalem dwoodwoo.+
12 “Yei ne ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔbɛko atia Yerusalem no soɔ:+ Wɔn honam bɛporɔ, berɛ a wɔda so gyina wɔn nan soɔ;+ na wɔn ani bɛporɔ wɔn ani tokuro mu, na wɔn kɛtrɛma aporɔ wɔn anom.
13 “Na saa da no, Yehowa bɛma wɔn nyinaa ho ayera wɔn;+ na wɔbɛsosɔ wɔn nsam, na obiara bɛma ne nsa so atia ne yɔnko nsa. 14 Na Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem, na wɔbɛboaboa aman a atwa ho ahyia nyinaa ahodeɛ ano, sika ne dwetɛ ne ntadeɛ bebree pa.+
15 “Na pɔnkɔ ne afunumupɔnkɔ ne yoma ne afunumu ne afieboa biara a ɛwɔ asoɛeɛ hɔ bɛhyia ɔhaw yi bi.
16 “Na afe biara,+ aman a wɔbɛsɔre atia Yerusalem+ no mu nkaefoɔ bɛkɔ akɔkoto Ɔhene no,+ asafo Yehowa,+ na wɔadi asese afahyɛ no.+ 17 Na asase so mmusua+ nyinaa mu, deɛ wankɔ+ Yerusalem ankɔkoto asafo Yehowa, Ɔhene no, nsuo rentɔ+ mma no. 18 Na sɛ Egypt abusua nso ankɔ a, nsuo rentɔ mma wɔn. Na ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔankɔdi asese afahyɛ no soɔ no bi bɛba wɔn so. 19 Yei na ɛbɛyɛ Egypt ne aman a wɔankɔdi asese afahyɛ no nyinaa bɔne so asotwe.+
20 “Saa da no, wɔbɛtwerɛ+ no pɔnkɔ dɔn so sɛ, ‘Kronkron ne Yehowa!’+ Na Yehowa fie nkukuo+ bɛyɛ sɛ afɔrebukyia+ anim nyowa.+ 21 Na kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron ama asafo Yehowa, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔdeɛ no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu.+ Na saa da no wɔrenhunu Kanaanni+ biara wɔ asafo Yehowa fie.”+