Yuda
1 Yuda, Yesu Kristo akoa, a ɔyɛ Yakobo+ nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn+ aba Agya Nyankopɔn ayɔnkofa mu+ sɛ adɔfo a wɔakora wɔn so+ ama Yesu Kristo no:
2 Mmɔborɔhunu+ ne asomdwoeɛ+ ne ɔdɔ+ nnɔɔso mma mo.+
3 Adɔfo,+ ɛwom, anka merebɔ mmɔden biara atwerɛ nkwagyeɛ a ɛwɔ hɔ ma yɛn nyinaa no ho asɛm abrɛ mo,+ nanso mehunuu sɛ ɛho hia sɛ metwerɛ mo bɛtu mo fo sɛ monko dendeenden mpere gyidie+ a wɔde ama akronkronfoɔ+ prɛko no. 4 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ nnipa bi awiawia wɔn ho aba mo mu+ a ɛfiri tete no wɔnam Twerɛnsɛm no so aka ato hɔ+ sɛ wɔbɛnya saa atemmuo yi,+ amumuyɔfoɔ+ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom de yɛ anoyie de bu ahohwibra+ na wɔpa+ yɛn Wura+ ne yɛn Awurade+ koro pɛ, Yesu Kristo no.
5 Ɛmfa ho sɛ monim adeɛ nyinaa dada no, mepɛ sɛ mekae mo+ sɛ Yehowa gyee nnipa bi firii Egypt asase so deɛ,+ nanso ɛno akyi no ɔsɛee wɔn a na wɔnni gyidie no.+ 6 Na abɔfoɔ a wɔantena baabi a na wɔte mfitiaseɛ no na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenabea a ɛsɛ no,+ ɔde daa mpokyerɛ+ akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛseɛ no mu atemmuo.+ 7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa ho ahyia+ nso yɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔkɔdii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan soɔ,+ na wɔde daa egya twee wɔn aso+ na ɔde ayɛ sɛnnahɔ+ ama yɛn.
8 Saa ara na nnipa yi nso yɛ adaeɛsofoɔ+ a wɔgu honam ho fĩ, wɔmmu tumidie+ na wɔkasa tia animuonyamfoɔ.+ 9 Nanso berɛ a ɔbɔfo panin+ Mikael+ ne Ɔbonsam redi akameakame+ ne anobaabaeɛ wɔ Mose amu+ ho no, wansi ne bo anka asɛmmɔne+ ammu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: “Yehowa nka w’anim.”+ 10 Nanso saa nnipa yi ka deɛ wɔnnim nyinaa ho asɛmmɔne;+ nneɛma a wɔfiri awosuo mu nim nyinaa te sɛ mmoa a wɔnni adwene,+ na saa nneɛma yi ara mu na wɔkɔ so sɛe+ wɔn ho.
11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfasoɔ nti, wɔde ahoperɛ akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuateɛ kasa no mu!+ 12 Yeinom ne abotan a ahunta nsuo ase a wɔne mo bom didi wɔ mo dɔ adidie ase,+ nnwanhwɛfoɔ a wɔdwene wɔn ara wɔn yafunu ho a wɔnsuro adeɛ;+ mununkum a nsuo nnim+ a mframa+ de di akɔneaba; nnua a twaberɛ aduro nanso ɛnso aba, awuwu mprenu, ne nhini atutu;+ 13 ɛpo asorɔkye a ɛhuru kutukutu pu wɔn ara aniwudeɛ;+ nsoromma a ɛkyinkyini kɛkɛ, a wɔakora esum kabii ama wɔn daa.+
14 Aane, Enok+ a ɔtɔ Adam so nson wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu nso hyɛɛ wɔn ho nkɔm berɛ a ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Yehowa de n’ahotefoɔ mpempem pii ba+ 15 bɛbuu nnipa nyinaa atɛn,+ na ɔyii amumuyɔfoɔ nyinaa ntɛn wɔ wɔn amumuyɔdeɛ a wɔyɛɛ no amumuyɔ soɔ, ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfoɔ amumuyɔfoɔ ka too ne soɔ no nyinaa ho.”+
16 Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifoɔ,+ wɔn a deɛ wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani, wɔnante wɔn ara wɔn akɔnnɔ mu,+ na wɔn ano ka akokurokosɛm,+ berɛ a wɔhoahoa nnipa+ de pɛ wɔn ara wɔn mfasoɔ.
17 Adɔfo, mo fam deɛ, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no ka too hɔ no,+ 18 sɛdeɛ na wɔka kyerɛ mo sɛ: “Berɛ a ɛdi akyire mu no, afɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ bɔne akyi bɛba.”+ 19 Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba,+ nnipa a wɔdi honam akɔnnɔ akyi,+ a wɔnnwene honhom mu nneɛma ho.+ 20 Na mo deɛ, adɔfo, berɛ a morenyini+ wɔ mo gyidie kronkron mu,+ na mobɔ mpaeɛ wɔ honhom kronkron mu no,+ 21 momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu,+ berɛ a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu+ a ɛkɔ daa nkwa mu no.+ 22 Afei nso, monkɔ so nyi mmɔborɔhunu+ adi nkyerɛ ebinom a wɔn adwenem yɛ wɔn nãã no;+ 23 monhwim wɔn mfiri egya+ mu nkɔ nkwa mu.+ Na ebinom nso monkɔ so nhu wɔn mmɔbɔ osuro mu, na monkyiri atadeɛ a ɔhonam akeka mu no mpo.+
24 Afei deɛ ɔtumi bɔ mo ho ban+ firi suntiduatoɔ mu na moayɛ nnipa a wɔnni dɛm+ n’animuonyam anigyeɛ kɛseɛ no mu, 25 yɛn Agyenkwa+ Nyankopɔn koro no, ɔno na animuonyam,+ kɛseyɛ, tumi+ ne ahoɔden+ mfa yɛn Awurade Yesu Kristo+ so nka no mmerɛsanten+ ne nnɛ ne daa.+ Amen.+