Adiyisɛm
14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! Adwammaa+ no gyina Sion Bepɔ+ so, na mpem ɔha aduanan nnan+ a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din+ wɔn moma soɔ no ka ne ho. 2 Na metee nnyegyeeɛ bi firii soro te sɛ nsuo+ bebree a ɛreworo soɔ ne aprannaa a ano yɛ den; na nnyegyeeɛ a meteeɛ no te sɛ nnwontofoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.+ 3 Na wɔreto dwom+ bi te sɛ dwom foforɔ+ wɔ ahennwa no ne honhom abɔdeɛ+ nnan no ne mpanimfoɔ+ no anim; na obiara antumi ansua saa dwom no gye mpem ɔha aduanan nnan+ a wɔatɔ+ wɔn afiri asase soɔ no. 4 Yeinom na wɔamfa mmaa angu wɔn ho fĩ;+ nokwasɛm ne sɛ wɔn ho te.*+ Yeinom na wɔdi Adwammaa no akyi baabiara a ɔbɛkorɔ.+ Yeinom na wɔtɔɔ wɔn+ firii adasamma mu sɛ aba a ɛdi kan+ maa Onyankopɔn ne Adwammaa no, 5 na wɔanhunu atosɛm biara wɔ wɔn anom;+ na wɔnni dɛm+ nso.
6 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔnam wiem+ a ɔkura daa asɛmpa+ sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,+ 7 na ɔteaam sɛ: “Monsuro Onyankopɔn+ na monhyɛ no animuonyam,+ ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn aduru,+ enti monsom Deɛ ɔyɛɛ+ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsutire no.”+
8 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, dii akyire kaa sɛ: “Wahwe ase! Babilon+ Kɛseɛ no ahwe ase,+ deɛ ɔmaa aman nyinaa nom n’adwamammɔ+ abufuo nsã+ no bie no!”
9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bio, deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi+ no na ɔnya agyinahyɛdeɛ wɔ ne moma so anaa ne nsa ho a,+ 10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuo nsã a wɔhwie no korɔgyenn gu n’abufuo kuruwa mu no nso bi,+ na wɔbɛyɛ no ayayadeɛ+ wɔ egya ne sɔfe+ mu wɔ abɔfoɔ kronkron no ne Adwammaa no anim. 11 Na wɔn ayayadeɛ wisie no foro soro daa daa,+ na wɔnnya home biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ɔgye ne din agyinahyɛdeɛ+ no bie no. 12 Ɛha na akronkronfoɔ+ no boasetɔ ba asɛm no mu, wɔn a wɔkura Onyankopɔn ahyɛdeɛ+ ne Yesu gyidie+ mu no.”
13 Na metee nne bi firii soro sɛ: “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne awufoɔ+ a wɔwu Awurade mu+ firi saa berɛ yi rekorɔ.+ Aane, honhom no na ɛka, momma wɔnhome wɔn nnwuma ho, ɛfiri sɛ nneɛma a wɔyɛeɛ no di wɔn akyi.”
14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! mununkum fitaa bi nie, na obi a ɔte sɛ onipa ba+ te mununkum no so a ɔbɔ sika abotire+ wɔ ne ti na ɔkura kantankrankyi nnamnam wɔ ne nsam.
15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔrefie kronkronbea hɔ baeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: “To wo kantankrankyi na twa,+ ɛfiri sɛ dɔn adu sɛ wɔtwa,+ na asase no so nneɛma abere.”+ 16 Na deɛ ɔte mununkum no soɔ no de ne kantankrankyi no too asase so na wɔtwaa asase so nneɛma.
17 Ɔbɔfoɔ foforɔ bio firi asɔrefie kronkronbea a ɛwɔ soro+ no baeɛ, na na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam.
18 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ bio firi afɔrebukyia no mu baeɛ a ɔwɔ egya+ so tumi. Na ɔteaam ka kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnam no sɛ: “To wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe asia no ano,+ ɛfiri sɛ n’aba no abere.” 19 Na ɔbɔfoɔ+ no de ne kantankrankyi no too asase so boaboaa asase so bobe+ no ano, na ɔto guu Onyankopɔn abufuo nsã-kyi-amena kɛseɛ no mu.+ 20 Na wɔtiatiaa bobe no so wɔ kuro no akyi,+ na mogya firii nsã-kyi-amena no mu foro kɔduruu apɔnkɔ+ nnareka ho, nkwansimma apem ahansia.+