Hebrifoɔ
12 Afei, ɛsiane sɛ yɛwɔ adansefoɔ+ mununkum kɛseɛ a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yɛnyi adesoa+ biara ne bɔne a ɛtumi kyekyere yɛn+ ntɛm no ngu, na yɛmfa boasetɔ+ ntu mmirika+ a ɛda yɛn anim+ no, 2 na yɛnnyene yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene+ ne yɛn gyidie Wiefoɔ+ Yesu. Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔhunuu asɛndua ho amane+ buu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+ 3 Nokorɛm no, monsusu deɛ ɔgyinaa pintinn wɔ nnebɔneyɛfoɔ ntuatuaano+ mu a amfa mfasoɔ ammrɛ wɔn no ho yie, na moammrɛ, na moampa aba.+
4 Berɛ a mo ne bɔne redi ako yi, monnya nnii asie nkɔduruu mogya mu,+ 5 nanso mo werɛ afiri afotusɛm a wɔde ma mo sɛ mma+ no koraa: “Me ba, mmu Yehowa ntenesoɔ adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa aba;+ 6 na deɛ Yehowa dɔ no na ɔtene ne soɔ; nokorɛm no, obiara a ɔgye no sɛ ɔba no, ɔhwe no.”+
7 Deɛ morefa mu no, ɛyɛ ntenesoɔ+ ntira. Onyankopɔn ne mo redi sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?+ 8 Na sɛ moannya ntenesoɔ a obiara anya bie no bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma,+ na monyɛ mma pa. 9 Bio nso, na yɛwɔ agyanom a wɔyɛ honam te sɛ yɛn a na wɔtwe yɛn aso,+ na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase nkyɛn saa na yɛanya nkwa?+ 10 Wɔn fam no, na wɔtwe yɛn aso nna kakraa bi sɛdeɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ,+ na ɔno deɛ, yɛn yiedie nti na ɔyɛ saa, na yɛanya ne kronkronyɛ+ no bi. 11 Ampa, ntenesoɔ biara nni hɔ a seesei deɛ ɛyɛ anigyeɛ; mmom ɛyɛ awerɛhoɔ,+ nanso akyire yi ɛso asomdwoeɛ aba+ a ɛne tenenee+ ma wɔn a atete wɔn no.
12 Enti monhyɛ nsa a emu agoɔ+ ne nkotodwe a ahodwo+ den, 13 na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ,+ na deɛ atɔ apakye no anhwan, na mmom wɔasa no yareɛ.+ 14 Monyɛ deɛ ɛbɛma asomdwoeɛ atena mo ne nnipa nyinaa ntam,+ na monni ahoteɛ+ a obiara ntumi nkwati nhunu Awurade no akyi,+ 15 na monhwɛ yie na Onyankopɔn adom ammɔ obiara;+ na nhini a ɛborɔ wom+ biara amfifi ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ,+ 16 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara anyɛ odwamammɔfoɔ anaa obi a ɔmmu akronkronneɛ te sɛ Esau+ a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduane baako pɛ+ no. 17 Na monim sɛ, ɛno akyi a ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira+ no wɔpoo no,+ na n’ani bere de nisuo+ bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa n’adwene deɛ, nanso wannya hokwan no.+
18 Na moamma bepɔ a wɔtumi de nsa ka+ a wɔde gya ato mu+ ne mununkum kusuu ne sum kabii ne mframa a ano yɛ den,+ 19 ne totorobɛnto nnyegyeeɛ+ ne ɛnne a ɛka nsɛm+ no ho; ɛnne yi na berɛ a nkurɔfoɔ no teeɛ no, wɔsrɛɛ sɛ wɔmmfa asɛm biara nnka wɔn ho bio+ no. 20 Ná ahyɛdeɛ yi mu yɛ duru ma wɔn: “Na sɛ aboa bi ho ka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.”+ 21 Bio nso deɛ ɛkɔɔ soɔ no yɛɛ hu ara maa Mose kaa sɛ: “Mesuro, na me ho repopo.”+ 22 Mmom no, moaba Sion Bepɔ+ ho ne Onyankopɔn teasefoɔ no kuro+ mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfoɔ+ mpempem 23 badwa anim,+ ne mmakan+ a wɔatwerɛ wɔn din+ wɔ soro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa Temmufoɔ+ no anim, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ+ no honhom fam asetena+ mu, 24 ne apam foforɔ+ ntamgyinafoɔ+ Yesu nkyɛn, ne mogya a wɔpete+ a ɛkasa yie sene Habel mogya+ no ho.
25 Monhwɛ yie na moantwe mo ho amfiri deɛ ɔrekasa no ho.+ Na sɛ wɔn a wɔtwee wɔn ho firii deɛ ɔmaa wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ wɔ asase soɔ ho no antumi annwane+ a, yɛn deɛ, sɛ yɛdane yɛn akyi kyerɛ deɛ ɔfiri soro kasa+ no a, ɛbɛyɛ den paa ama yɛn. 26 Saa berɛ no, ne nne wosoo asase,+ na seesei deɛ wahyɛ bɔ sɛ: “Ɛbɛba bio sɛ ɛnyɛ asase nko na mɛwosoɔ, na mmom ɔsoro nso.”+ 27 Na sɛ ɔka sɛ, “Ɛbɛba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyi nneɛma a wɔrewosoɔ no afiri hɔ sɛ nneɛma a wɔayɛ,+ na ama nneɛma a wɔrenwosoɔ no atena hɔ.+ 28 Enti ɛsiane sɛ yɛbɛnya ahennie a wɔntumi nwosoɔ+ no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛbɛtumi de asom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ wɔ nyamesuro ne ahopopoɔ+ mu. 29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn te sɛ egya a ɛhye adeɛ+ nso.