Luka
8 Yei akyi berɛ tiaa bi no, ɔtutuu akwan kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔpaee mu kaa Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa.+ Ná dumienu no ka ne ho, 2 ne mmaa+ bi a wasa wɔn yareɛ atu ahonhommɔne afiri wɔn soɔ, Maria a wɔfrɛ no Magdalene, a ahonhommɔne nson firi ne mu kɔeɛ no,+ 3 ne Herode fie so panin Kusa yere Yoana,+ ne Susana ne mmaa foforɔ pii a na wɔde wɔn ahodeɛ resom wɔn no.
4 Afei berɛ a nnipakuo kɛseɛ bi bɛkaa wɔn a wɔne no kokɔɔ nkuro nkuro soɔ no ho no, ɔde mfatoho bi kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 5 “Ogufoɔ bi firii adi sɛ ɔrekɔgu n’aba. Na ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn maa wɔtiatiaa so, na ewiem nnomaa diiɛ.+ 6 Ebi nso guu ɔbotan so, na ɛfifiiɛ akyi no, ɛwuiɛ ɛsiane nsuo a annya nti.+ 7 Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ a ɛne no nyiniiɛ no miaa no.+ 8 Ebi nso guu asase pa mu, na ɛfifiiɛ akyi no, ɛsoo aba mmɔho ɔha.”+ Berɛ a ɔkaa yeinom no, ɔmaa ne nne so kaa sɛ: “Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+
9 Nanso n’asuafoɔ no firii aseɛ bisaa no deɛ mfatoho yi kyerɛ.+ 10 Ɔkaa sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm kronkron no ase, na wɔn a aka no deɛ, wɔte no mfatoho mu,+ ma enti wɔbɛhwɛ deɛ, nanso wɔbɛhwɛ no kwa, na wɔbɛte deɛ, nanso wɔrente aseɛ.+ 11 Afei mfatoho+ no ase nie: Aba no ne Onyankopɔn asɛm.+ 12 Deɛ ɛguu kwankyɛn no ne wɔn a wɔteeɛ,+ na Ɔbonsam+ bɛyii asɛm no firii wɔn akoma mu na wɔannye anni annya nkwa.+ 13 Deɛ ɛguu ɔbotan soɔ no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini; wɔgye di wɔ berɛ bi mu, nanso ɛduru sɔhwɛ berɛ a, na wɔawae.+ 14 Deɛ ɛguu nkasɛɛ mu no, yeinom ne wɔn a wɔateɛ, nanso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ+ twetwe wɔn, na ɛmia wɔn koraa ma enti biribiara nwie pɛyɛ.+ 15 Deɛ ɛguu asase pa mu no, yei ne wɔn a sɛ wɔde akoma pa+ tie asɛm no wie a, wɔkora soɔ na wɔde boasetɔ so aba.+
16 “Obiara nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde adeɛ bɛkata soɔ anaasɛ ɔde bɛsi mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama wɔn a wɔba mu no ahunu hann no.+ 17 Biribiara nni hɔ a ahunta+ a ɛrenna adie, na biribiara nni hɔ a wɔakata so a wɔrenhunu na ɛremma petee mu.+ 18 Enti, monhwɛ sɛdeɛ motie asɛm yie; na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no pii,+ na deɛ ɔnnie no deɛ, deɛ ɔsusu sɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam.”+
19 Afei ne maame ne ne nua mmarima+ baa baabi a ɔwɔ no, nanso nnipakuo no nti, wɔantumi annuru ne nkyɛn.+ 20 Na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten pɛ sɛ wɔhu wo.”+ 21 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Me maame ne me nua mmarima ne yeinom a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔyɛ no.”+
22 Ɛbaa sɛ da bi ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ bi mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛntwa nkɔ tadeɛ no agya nohoa.” Enti wɔsiim kɔeɛ.+ 23 Na wɔwɔ nsuo no soɔ no, ɔdaeɛ. Ɛnna mframa kɛseɛ bi bɔ baa tadeɛ no soɔ, na nsuo firii aseɛ bu faa wɔn so na ɛde wɔn too asiane mu.+ 24 Afei wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔnyanee no kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛrebɛwuwu!”+ Ɔnyaneeɛ no, ɔteateaa + mframa no ne nsuo a ɛrebu fa soɔ no, na ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn. 25 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidie wɔ he?” Nanso ehu kaa wɔn, na wɔde ahodwirie keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwan koraa nie a ɔtumi hyɛ mframa ne nsuo mpo ma wɔtie no yi?”+
26 Na wɔkɔgyinaa mpoano wɔ Gerasafoɔ asase so wɔ Galilea ntentensoɔ.+ 27 Na ɔsii fam no, ɔbarima bi a ɔwɔ adaemone a ɔfiri kuro no mu bɛhyiaa no. Na berɛ tenten nie a ɔmfiraa ntoma, na ɔnte fie, na mmom asieeɛ.+ 28 Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam dendeenden hwee n’anim de nne kɛseɛ kaa sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ,+ Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Mesrɛ wo, nha me.”+ 29 (Ná ɔrehyɛ honhom fĩ no sɛ ɛmfiri ɔbarima no mu. Ná anya ne so tumi berɛ tenten nie,+ na wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, nanso ɔtete mpokyerɛ no mu na honhom fĩ no twe no kɔ baabi a obiara nnie.) 30 Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” Ɔkaa sɛ: “Asafotoɔ” ɛfiri sɛ na adaemone pii ahyɛn ne mu.+ 31 Na wɔkɔɔ so srɛɛ+ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔmmfiri ne mu nnkɔ bunu no mu.+ 32 Ná mprako+ pii redidi wɔ bepɔ no so; enti wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔhyɛn wɔn mu.+ Na ɔmaa wɔn kwan. 33 Enti adaemone no firii ɔbarima no mu kɔhyɛn mprako no mu, na mprako no bɔɔ kirididi firii bepɔ no so kɔguu tadeɛ no mu wuwuiɛ.+ 34 Berɛ a wɔn a wɔhwɛ mmoa no hunuu deɛ asie no, wɔdwane kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu ne nkuraaseɛ.+
35 Ɛnna nkurɔfoɔ baa sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ asie, na wɔbaa Yesu nkyɛn bɛhunuu ɔbarima a wɔatu adaemone afiri ne mu no sɛ ɔhyɛ atadeɛ te Yesu nan ase, a n’adwenem ateɛ; na wɔbɔɔ hu.+ 36 Wɔn a wɔhunuiɛ no kaa sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɔbarima a na ɔwɔ adaemone no ho tɔɔ no no kyerɛɛ wɔn.+ 37 Enti nnipadɔm a wɔfiri Gerasafoɔ nsase a atwa ahyia soɔ no nyinaa see no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu aka wɔn kɛse.+ Ɛnna ɔtenaa kodoɔ no mu siim sɛ ɔrekɔ. 38 Nanso, ɔbarima a adaemone firii ne mu no kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔne no bɛkɔ; nanso ɔsan no kaa sɛ:+ 39 “San kɔ fie, na kɔ so ka deɛ Onyankopɔn ayɛ ama woɔ no kyerɛ.”+ Enti ɔfirii hɔ kɔeɛ, paee mu kaa deɛ Yesu ayɛ ama no no wɔ kuro no mu nyinaa.+
40 Berɛ a Yesu san baeɛ no, nnipakuo no gyee no fɛ so, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa rehwɛ no kwan.+ 41 Na hwɛ! ɔbarima bi a ne din de Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin baeɛ. Na ɔhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie,+ 42 ɛfiri sɛ na ɔwɔ ɔbabaa koro pɛ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu a ɔreyɛ awuo.+
Berɛ a ɔrekɔ no, nnipakuo no kyeree ne so.+ 43 Na ɔbaa bi a mogya+ atu no mfeɛ dumienu, a obiara ntumi nsaa no yareɛ,+ 44 firi n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ ngugusoɔ+ ano,+ na amonom hɔ ara mogya no twaeɛ.+ 45 Enti Yesu kaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa me?”+ Berɛ a wɔn nyinaa kaa sɛ ɛnyɛ wɔn no, Petro kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, nnipakuo yi afum wo ho na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kaa sɛ: “Obi de ne nsa aka me, mahunu sɛ tumi+ afiri me mu kɔ.”+ 47 Berɛ a ɔbaa no hunuu sɛ wahu no no, ɔde ahopopoɔ bɛhwee n’anim kaa deɛ enti a ɔde ne nsa kaa no ne sɛdeɛ ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim.+ 48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo;+ fa asomdwoeɛ kɔ.”+
49 Na ɔgu so rekasa no, hyiadan mu panin no nanmusini bi bɛkaa sɛ: “Wo babaa no awu; nha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.”+ 50 Berɛ a Yesu teeɛ no, ɔbuaa no sɛ: “Nsuro, wo deɛ, nya gyidie,+ na ɔbɛnya nkwa.” 51 Berɛ a ɔduruu fie hɔ no, wamma obiara ne no ankɔ mu gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abaayewa no papa ne ne maame.+ 52 Nanso na nkurɔfoɔ resu no de awerɛhoɔ repempem wɔn koko. Enti ɔkaa sɛ: “Monnyae su,+ ɔnwuiɛ na mmom wada.”+ 53 Yei nti wɔfirii aseɛ seree no, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ wawu.+ 54 Na ɔsɔɔ ne nsa maa no so frɛɛ no sɛ: “Abaayewa, sɔre!”+ 55 Na ne honhom+ san baeɛ, na ɔsɔree+ ntɛm ara, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmma no biribi nni.+ 56 Na n’awofoɔ no ho dwirii wɔn; nanso ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka deɛ asie no nnkyerɛ obiara.+