Filipifoɔ
4 Enti, me nuanom a medɔ mo a m’ani agyina mo, m’anigyeɛ ne m’abotire,+ adɔfo, monnyina pintinn+ saa wɔ Awurade mu.
2 Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnnya adwenkorɔ+ Awurade mu. 3 Aane, mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnduasoafoɔ nokwafoɔ,+ kɔ so boa saa mmaa yi a wɔne me abom adi apereɛ+ asɛmpa no mu no, wɔne Klemen ne me mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ+ a aka a wɔn din+ wɔ nkwa nwoma no mu no.+
4 Monni ahurisie Awurade mu daa.+ Meka bio sɛ, monni ahurisie!+ 5 Momma nnipa nyinaa nhunu mo nteaseɛ.+ Awurade abɛn.+ 6 Monnnwennwene biribiara nnha mo ho,+ na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ+ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu;+ 7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma+ ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.
8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokorɛ, biribiara a ɛsom boɔ, biribiara a ɛtene, biribiara a ɛho teɛ,+ biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyie no, monkɔ so nsusu saa nneɛma yi ho.+ 9 Nneɛma a mosuaeɛ na mogye toom na moteeɛ na mohunuu no me ho no, ɛno na monyɛ;+ na asomdwoeɛ Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena.
10 Medi ahurisie pii Awurade mu sɛ afei deɛ moafiri aseɛ redwene me ho bio;+ ɛwom, na moredwene me ho nso moannya hokwan no. 11 Ɛnyɛ sɛ biribi hia me nti na mereka saa, ɛfiri sɛ masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛpene deɛ mewɔ so.+ 12 Menim sɛdeɛ wɔdi hia paa,+ na menim sɛdeɛ wɔnya ma no bu soɔ nso. Biribiara ne tebea biara mu no, masua ɔmeeɛ ne ɛkɔm nyinaa, sɛdeɛ wɔnya ma no bu soɔ ne sɛdeɛ wɔdi hia nyinaa.+ 13 Adeɛ nyinaa mu mewɔ ahoɔden, deɛ ɔhyɛ me den no nti.+
14 Nanso, moyɛɛ no yie sɛ monyaa m’ahohia+ mu kyɛfa.+ 15 Nokorɛm no, mo Filipifoɔ, monim nso sɛ berɛ a mefirii asɛmpaka adwuma no ase a mefirii Makedonia no, asafo biara ne me annya ɔma ne ɔgyeɛ mu kyɛfa, gye mo nko ara;+ 16 ɛfiri sɛ mewɔ Tesalonika no mode deɛ mehia brɛɛ me deɛ ɛdi kan ne ne mprenu soɔ. 17 Ɛnyɛ akyɛdeɛ na m’ani abere rehwehwɛ,+ na mmom aba+ a ɛma mo mfasoɔ dɔɔso no na m’ani abere rehwehwɛ. 18 Nanso manya nneɛma nyinaa ama no abu so mpo. Afei a Epafrodito+ de nneɛma a ɛfiri mo hɔ abrɛ me, adeɛ a ɛyɛ hwam,+ afɔrebɔ a ɛfata+ na ɛsɔ Onyankopɔn ani yie no, mayɛ mã. 19 Mo nso, me Nyankopɔn+ nam Kristo Yesu so bɛma mo deɛ mohia+ nyinaa sɛdeɛ n’ahonyadeɛ+ pii no teɛ. 20 Afei animuonyam nka yɛn Nyankopɔn ne Agya no daa daa.+ Amen.
21 Monkyea+ ɔkronkronni biara a ɔwɔ Kristo Yesu mu+ mma me. Anuanom a wɔka me ho no kyeakyea mo. 22 Akronkronfoɔ nyinaa kyeakyea mo, ɛnkanka wɔn a wɔwɔ Kaesare fie no.+