Marko
5 Afei, wɔkɔduruu po no agya wɔ Gerasafoɔ+ asase so. 2 Na ɔsi firii kodoɔ no mu ara na ɔbarima bi a honhom fĩ akɛntɛn ne soɔ firi asieeɛ+ bɛhyiaa no. 3 Ná asieeɛ hɔ abɛyɛ ne tenabea; na bɛsi saa berɛ no na obiara ntumi mfaa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyeree no ntenaa faako, 4 ɛfiri sɛ na wɔde mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn akyekyere no mprɛ pii ama no atete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu abubu mpokyerɛ no; na obiara nni ahoɔden a ɔde bɛdi ne soɔ. 5 Na daa adesaeɛ ne adekyeeɛ, ɔteateam wɔ ada ne mmepɔ no mu de aboɔ twitwa ne ho. 6 Na n’ani bɔɔ Yesu so wɔ akyirikyiri no ɔtuu mmirika kɔkotoo n’anim, 7 na ɔde nne kɛseɛ teaam+ sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn+ no Ba? Ka Onyankopɔn ntam+ sɛ worenha me.”+ 8 Ɛfiri sɛ na waka akyerɛ no sɛ: “Honhom fĩ, firi onipa no mu.”+ 9 Na ɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me din de Asafotoɔ,+ ɛfiri sɛ yɛyɛ bebree.”+ 10 Na ɔkɔɔ so ara srɛɛ no sɛ ɔmmpamo ahonhom no mmfiri asase no so.+
11 Na ɛbaa sɛ na mprakokuo+ kɛseɛ bi wɔ bepɔ no so redidi.+ 12 Enti wɔsrɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ mprako no mu, ma yɛnkɔhyɛn wɔn mu.” 13 Na ɔmaa wɔn kwan. Ɛnna ahonhom fĩ no firii adi kɔhyɛn mprako no mu; na mprako bɛyɛ mpem mmienu no bɔɔ kirididi firii bepɔ no so kɔguu po mu, na wɔwuwuu po no mu mmaako mmaako.+ 14 Na wɔn a wɔrehwɛ wɔn soɔ no dwane kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu ne ne nkuraaseɛ; na nkurɔfoɔ ba bɛhwɛɛ deɛ asie.+ 15 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔhunuu ɔbarima a na ɔwɔ adaemone no, deɛ na ɔwɔ asafotoɔ no, sɛ ɔhyɛ atadeɛ te hɔ a n’adwenem ateɛ; na ehu kaa wɔn. 16 Afei wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛtoo ɔbarima a na ɔwɔ adaemone no ne mprako no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 17 Enti wɔfirii aseɛ paa no kyɛw sɛ ɔmfiri wɔn mpɔtamu hɔ nkɔ.+
18 Na berɛ a ɔreforo kodoɔ no, ɔbarima a na ɔwɔ adaemone no firii aseɛ paa no kyɛw sɛ ɔne no bɛkɔ.+ 19 Nanso wamma no kwan, mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn,+ na kɔka deɛ Yehowa+ ayɛ ama woɔ nyinaa ne mmɔborɔhunu+ a wayi no adie akyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn.” 20 Na ɔfirii hɔ kɔeɛ na ɔfirii aseɛ kaa deɛ Yesu yɛ maa no nyinaa ho asɛm wɔ Dekapoli,+ na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa nwanwa.+
21 Berɛ a Yesu san de kodoɔ no twa baa asuogya no, nnipakuo kɛseɛ bi twaa ne ho hyiaeɛ; na ɔwɔ po no ano.+ 22 Ɛnna hyiadan mu mpanimfoɔ no baako a ne din de Yairo baeɛ, na n’ani bɔɔ ne soɔ no ɔhwee ne nan ase+ 23 na ɔsrɛɛ no mprɛ pii sɛ: “Me babaa ketewa reyɛ awu. Mesrɛ wo bra na fa wo nsa+ bɛgu ne so ma ne ho nyɛ no den na ɔnnya nkwa.”+ 24 Ɛnna ɔne no kɔeɛ. Na nnipadɔm pii tu dii n’akyi na wɔkyeree ne so.+
25 Afei na ɔbaa bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfeɛ dumienu,+ 26 na wahunu amane pii wɔ nnuroyɛfoɔ+ bebree nsam na wahwere n’ahodeɛ nyinaa nanso hwee amfiri mu amma, na mmom ɛyɛɛ kɛse. 27 Berɛ a ɔtee Yesu ho asɛm no, ɔfiri dɔm no mu faa akyire de ne nsa bɛkaa+ n’atadeɛ ngugusoɔ; 28 na asɛm a na ɔreka ara ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atadeɛ ngugusoɔ kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ 29 Na amonom hɔ ara mogya a ɛretu no no twaeɛ, na ɔtee nka ne nipadua mu sɛ wanya yareɛ a emu yɛ den no ho ayaresa.+
30 Ɛhɔ ara na Yesu nso hunuu sɛ tumi+ afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nnipakuo no mu bisaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa m’atadeɛ ngugusoɔ no?”+ 31 Na n’asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahunu sɛ nnipa akyere wo so,+ na wose, ‘Hwan na ɔde ne nsa kaa me?’” 32 Nanso ɔtotoo n’ani hwɛɛ sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔyɛɛ saa no anaa. 33 Na ɛsiane sɛ ɔbaa no nim deɛ ato no nti, ɔde ehu ne ahopopoɔ bɛhwee n’anim kaa mu nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no.+ 34 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ,+ wo ho ntɔ wo na wo yareɛ a emu yɛ den no nkɔ.”+
35 Na ɔgu so rekasa no, mmarima bi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: “Wo babaa no awu! Adɛn nti na woda so reha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?”+ 36 Nanso berɛ a asɛm a wɔreka no twaa Yesu asom no, ɔka kyerɛɛ hyiadan mu panin no sɛ: “Nsuro, wo deɛ, nya gyidie.”+ 37 Afei wamma obiara anni n’akyi, gye Petro ne Yakobo ne Yakobo nua Yohane nko ara.+
38 Enti wɔbaa hyiadan mu panin no fie, na ɔhunuu sɛ ɛhɔ ayɛ gyegyeegye na nnipa resu bɔ bena, 39 na ɔhyɛnee mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abɔfra ketewa no nwuiɛ, na mmom wada.”+ 40 Yei nti wɔfirii aseɛ seree no. Ɛnna ɔpamoo wɔn nyinaa firii hɔ faa abɔfra no papa ne ne maame ne wɔn a wɔka ne ho no, na ɔkɔɔ deɛ abɔfra no wɔ no.+ 41 Na ɔsɔɔ abɔfra ketewa no nsa ka kyerɛɛ no sɛ: “Talita kuum,” a ɛkyerɛ sɛ: “Abaayewa, mese wo sɛ, sɔre!”+ 42 Na ɛhɔ ara abaayewa no sɔreeɛ na ɔfirii aseɛ nanteeɛ, na na wadi mfeɛ dumienu. Na wɔn ho dwirii wɔn.+ 43 Na ɔbaraa wɔn tĩĩ mu kaa sɛ wɔmmma obiara nnte+ ho asɛm, na ɔkaa sɛ wɔmma abaayewa no biribi nni.