Yakobo
1 Yakobo,+ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa,+ de kɔma mmusuakuo dumienu+ a wɔabɔ apeteɛ+ no.
Mekyea mo!
2 Me nuanom, sɛ mohyia sɔhwɛ ahodoɔ pii a, mommu no anigyeɛ koraa+ 3 na monhunu sɛ mo gyidie a wɔasɔ ahwɛ yi bɛwie boasetɔ mu.+ 4 Na momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ+ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.+
5 Enti sɛ ɛka mo mu bi nyansa+ a, ma no nkɔ so ara mmisa Onyankopɔn+ ɛfiri sɛ ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa adeɛ a ahohora biara nnim,+ na ɔde bɛma no.+ 6 Nanso ma no nkɔ so mmisa+ wɔ gyidie mu; ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ ɛfiri sɛ deɛ n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ+ de no di akɔneaba. 7 Mma obi a ɔte saa nnsusu da sɛ ɔbɛnya biribi afiri Yehowa hɔ;+ 8 ɔyɛ onipa a n’adwene yɛ ntanta,+ ɔhinhim+ n’akwan nyinaa mu.
9 Na ma onua a ɔnni bie nni ahurisie sɛ wɔama ne soɔ,+ 10 na ɔdefoɔ+ nso sɛ wɔabrɛ no aseɛ, ɛfiri sɛ ɔbɛtwam akɔ sɛ wuram nhwiren.+ 11 Na awia pue hyehyeehye na ɛhye wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe. Saa ara na ɔdefoɔ nso asetena kwan bɛtwam akorɔ.+
12 Anigyeɛ ne deɛ ɔkɔ so gyina sɔhwɛ mu,+ ɛfiri sɛ sɛ wɔgye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotire+ a Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔkɔ so dɔ no no bɔ no.+ 13 Sɛ sɔhwɛ+ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Ɛfiri sɛ wɔntumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. 14 Mmom deɛ ɛsɔ obi hwɛ ne ɔno ara n’akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no bradɛ.+ 15 Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne;+ na bɔne no nso nyini a, ɛwo owuo.+
16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.+ 17 Akyɛdeɛ+ pa ne adekyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ biara firi soro;+ ɛfiri hann Agya+ no nkyɛn, na sunsum a ɛsakra na ɛdanedane nni ne mu.+ 18 Ɛsiane sɛ ɛyɛ ne pɛ+ nti, ɔde nokwasɛm no woo yɛn+ sɛdeɛ yɛbɛyɛ n’abɔdeɛ mu aba a ɛdi kan.+
19 Monhunu yei, me nuanom adɔfo. Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa,+ na ɔnyɛ nyaa mfa abufuo;+ 20 ɛfiri sɛ onipa abufuo nna Onyankopɔn tenenee adi.+ 21 Enti monto efĩ nyinaa ne bɔne a ɛyɛ adesoa hunu no ngu,+ na momfiri ɔdwoɔ mu mma wɔntɛ asɛm+ a ɛbɛtumi agye mo kra nkwa no mo mu.+
22 Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ,+ na monnyɛ atiefoɔ nko mmfa nsusuiɛ hunu nnnaadaa mo ho.+ 23 Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefoɔ, na ɔnyɛ ne yɛfoɔ+ a, ɔte sɛ onipa bi a ɔhwɛ n’anim* ahwehwɛ mu. 24 Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ firi onipa ko a ɔyɛ. 25 Na deɛ ɔhwehwɛ ahofadie mmara a ɛyɛ pɛ+ no mu na ɔtena mu no, n’ani bɛgye+ sɛ ɔreyɛ saa ɛfiri sɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfoɔ+ na ɔnyɛ ɔtiefoɔ werɛfirifoɔ.
26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ nyamesomni+ nanso ɔnto ne kɛtrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa n’akoma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ kwa.+ 27 Ɔsom a ɛho teɛ+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani soɔ ne yei: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase+ nkekaeɛ+ ho.