Efesofoɔ
6 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ Awurade mu,+ na yei na ɛtene:+ 2 “Di wo papa ne wo maame ni”;+ na ɛno ne mmara a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu:+ 3 “Na asi wo yie, na woatena ase akyɛ wɔ asase so.”+ 4 Na mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometeɛ,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn+ Yehowa ntenesoɔ+ ne nyansakyerɛ+ mu.
5 Nkoa, momfiri akoma a emu teɛ mu mfa suro ne ahopopoɔ+ ntie mo honam fam wuranom+ asɛm, sɛdeɛ moreyɛ ama Kristo, 6 ɛnyɛ nnipa ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani,+ na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri ɔkra nyinaa mu yɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.+ 7 Monyɛ nkoa a wɔde adwempa som te sɛ deɛ wɔyɛ ma Yehowa,+ na ɛnyɛ nnipa, 8 na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, sɛ ɔyɛ akoa oo, dehyeɛ oo,+ ɔbɛnya yei ho akatua afiri Yehowa hɔ.+ 9 Mo awuranom nso, monkɔ so nyɛ saa ara mma wɔn, na monnyae ahunahuna,+ ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo nyinaa Wura+ wɔ soro, na ɔnyɛ animhwɛ.+
10 Afei, monkɔ so nyɛ den+ Awurade ne n’ahoɔden+ kɛseyɛ mu. 11 Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ+ nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛɛ+ no; 12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na ɛredi asie,+ na mmom yɛne nnisoɔ+ ahodoɔ, tumidie,+ wiase yi sum mu atumfoɔ,+ ne ahonhommɔne+ dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya. 13 Yei nti monhyɛ akodeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ+ no nyinaa, na ama moatumi adi asie da bɔne no, na berɛ a moayɛ nneɛma nyinaa pɛpɛɛpɛ no, moagyina hɔ pintinn.+
14 Enti monnyina hɔ pintinn na momfa nokorɛ+ mmɔ mo asene,+ na monhyɛ tenenee nkataboɔ,+ 15 na momfa asomdwoeɛ asɛmpa+ no nyɛ mo nan ase+ mpaboa. 16 Deɛ ɛsene ne nyinaa no, momfa gyidie+ kyɛm kɛseɛ no a mobɛtumi de adum ɔbɔnefoɔ no mmɛmma a ɛredɛre no nyinaa.+ 17 Afei nso monnye nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ+ ne honhom+ no nkrantɛ+ a ɛne Onyankopɔn asɛm+ no, 18 na momfa mpaebɔ+ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ berɛ biara wɔ honhom mu.+ Ne saa nti monwɛn daa na monsrɛ mma akronkronfoɔ nyinaa, 19 ɛne me nso, na matumi abue m’ano akasa+ ahotɔsoɔ mu,+ de ada asɛmpa no ho ahuntasɛm kronkron no adi,+ 20 na ɛno ho ɔhemmɔfoɔ+ na meyɛ wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu yi; sɛdeɛ ɛbɛyɛ na matumi de akokoɔduro aka no sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.+
21 Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm ahunu deɛ ɛrekɔ soɔ no, onua dɔfo Tihiko+ a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ Awurade mu no bɛma moahunu ne nyinaa.+ 22 Yei ara nti na meresoma no mo nkyɛn, na moate yɛn nka na wama mo akoma atɔ mo yam.+
23 Asomdwoeɛ nka anuanom na wɔnnya ɔdɔ ne gyidie a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ. 24 Adom+ nka wɔn a yɛn Awurade Yesu Kristo ho dɔ a wɔwɔ nsɛe da no nyinaa.