Yesaia
39 Saa berɛ no Baladan ba, Merodak-Baladan,+ a ɔyɛ Babilon+ hene no soma maa wɔde nkrataa ne akyɛdeɛ+ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ wayare ama ne ho ayɛ no den.+ 2 Wɔmaa Hesekia ani gyeeɛ,+ enti ɔde n’adekoradan mu nneɛma nyinaa kyerɛɛ wɔn,+ dwetɛ ne sika ne balsam ngo+ ne ngo pa ne n’akodeɛ korabea+ ne biribiara a ɛwɔ n’akoraeɛ. Biribiara nni Hesekia fie+ ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.+
3 Afei odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ:+ “Asɛm bɛn na mmarima yi kaeɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn?” Ɛnna Hesekia buaa sɛ: “Wɔfiri akyirikyiri asase so na ɛbaa me nkyɛn, Babilon tɔnn.”+ 4 Na ɔsan bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na wɔhunuu no wo fie?”+ Ɛnna Hesekia kaa sɛ: “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ me fie. Biribiara nni m’akoraeɛ a mamfa ankyerɛ wɔn.” 5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ:+ “Tie asafo Yehowa asɛm yi, 6 ‘Hwɛ! Nna bi reba, na deɛ ɛwɔ wo fie a w’agyanom de asie abɛsi nnɛ no nyinaa wɔbɛfa akɔ Babilon.’+ ‘Biribiara renka,’+ Yehowa asɛm nie. 7 ‘Na wɔbɛfa wo ara wo mma a wɔbɛfiri wo mu aba, mmɔfra a wobɛwo wɔn, no bi akɔ+ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa+ wɔ Babilon hene ahemfie.’”+
8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no yɛ.”+ Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Ɛfiri sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ+ bɛtena hɔ wɔ me berɛ so.”+