Adiyisɛm
21 Mehunuu ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ,+ na kane soro+ ne kane asase+ no atwam, na ɛpo+ nni hɔ bio. 2 Afei nso mehunuu kuro kronkron,+ Yerusalem Foforɔ no, sɛ ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro+ resiane a wɔasiesie no sɛ ayeforɔ+ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+ 3 Afei metee nne kɛseɛ bi firii ahennwa no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntomadan+ wɔ adasamma mu, na ɔne wɔn bɛtena+ na wɔayɛ ne man.+ Na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.+ 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwam nisuo+ nyinaa, na owuo nni hɔ bio,+ na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio.+ Kane nneɛma no atwam.”+
5 Na Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no kaa sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ.”+ Ɔsan kaa sɛ: “Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokorɛ.” 6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Anya aba mu! Mene Alfa ne Omega,* mfitiaseɛ ne awieeɛ.+ Mɛma obiara a sukɔm de no nkwa asutire mu nsuo no bi kwa.+ 7 Obiara a ɔdi nkonim no nsa bɛka yeinom, na mɛyɛ ne Nyankopɔn,+ na wayɛ me ba.+ 8 Nanso ahufoɔ ne wɔn a wɔnni gyidie+ ne wɔn a wɔn ho nteɛ a wɔyɛ atantanneɛ+ ne awudifoɔ+ ne adwamammɔfoɔ+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne abosonsomfoɔ+ ne atorofoɔ+ nyinaa deɛ, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ tadeɛ a egya+ ne sɔfe+ dɛre mu no mu. Yei ne owuprenu no.”+
9 Ɛnna abɔfoɔ nson a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ+ no ayɛ no mama no baako baeɛ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ no, Adwammaa no yere+ no.” 10 Enti ɔnam honhom no tumi so de me kɔɔ bepɔ+ tenten kɛseɛ bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron+ Yerusalem sɛ ɛfiri soro, Onyankopɔn nkyɛn, resiane,+ 11 na ɛwɔ Onyankopɔn animuonyam.+ Na ɛhyerɛn te sɛ ɛboɔ a ne boɔ yɛ den paa, ɛte sɛ ahwehwɛboɔ hyɛnhyɛn.+ 12 Na ɛwɔ fasuo+ tenten kɛseɛ bi ne apono dumienu, na abɔfoɔ dumienu gyinagyina apono no ano, na wɔatwerɛtwerɛ Israel mma mmusuakuo dumienu no din wɔ ho.+ 13 Na apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anafoɔ, na apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.+ 14 Na kuro no fasuo nso wɔ fapem+ dumienu a wɔatwerɛtwerɛ edin dumienu wɔ soɔ; ɛyɛ Adwammaa no asomafoɔ+ dumienu no din.
15 Ná deɛ ɔne me rekasa no kura sika demmire+ a ɔde bɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo.+ 16 Kuro no yɛ ahinanan, na ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro+ no; na ɛyɛ nkwansimma mpem dumienu; ne tenten, ne tɛtrɛtɛ, ne ne sorokɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. 17 Afei ɔsusuu ne fasuo no, basafa ɔha aduanan nnan; ɔde onipa susudua a berɛ korɔ no ara ɛyɛ ɔbɔfoɔ deɛ na ɛsusuiɛ. 18 Wɔde ahwehwɛboɔ+ na ɛtoo ɔfasuo no, na na kuro no yɛ sika amapa te sɛ ahwehwɛ a animu teɛ. 19 Wɔde aboɔden aboɔ+ ahodoɔ nyinaa bi na ɛhyehyɛɛ fapem+ a kuro no fasuo gyina soɔ no: na fapem a ɛdi kan no yɛ ahwehwɛboɔ,+ deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ hoaboɔ,+ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ mununkumboɔ, deɛ ɛtɔ so nnan no yɛ ahahammonoboɔ,+ 20 deɛ ɛtɔ so nnum no yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia no yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson no yɛ sikabereɛboɔ,+ deɛ ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron no yɛ akraateboɔ,+ deɛ ɛtɔ so du no yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako no yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dumienu no yɛ beredumboɔ.+ 21 Na apono dumienu no nso yɛ nhwene pa dumienu; wɔde ahweneɛ+ baako na ɛyɛɛ apono no mu biara. Na kuro no mmɔnten yɛ sika amapa, te sɛ ahwehwɛ a animu da hɔ.
22 Na manhunu asɔrefie bi wom,+ ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ Yehowa+ Nyankopɔn ne Adwammaa+ no na wɔyɛ n’asɔrefie.+ 23 Na kuro no nhia awia ne bosome hann, ɛfiri sɛ Onyankopɔn animuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Adwammaa no ne ne kanea.+ 24 Na amanaman no bɛnante ne hann mu,+ na asase so ahemfo de wɔn animuonyam bɛba mu.+ 25 Na wɔrentoto n’apono mu koraa awia,+ ɛfiri sɛ adeɛ rensa wɔ hɔ.+ 26 Na wɔde amanaman no animuonyam ne wɔn anidie bɛba mu.+ 27 Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyiwadeɛ+ bi anaa ɔtwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din wɔ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara.+