Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, sɛ wɔmfa sankuo nto. Ayeyi dwom. Asaf+ dwom.
76 Onyankopɔn agye din wɔ Yuda;+
Ne din yɛ kɛse wɔ Israel.+
2 Salem na ne huntabea wɔ,+
Na ne tenabea wɔ Sion.+
3 Ɛhɔ na ɔbubuu agyan ne pea a ɛredɛreɛ+
Ne ɛkyɛm ne nkrantɛ ne akodeɛ nyinaa mu.+ Sela.
4 Hann atwa wo ho ahyia, wokorɔn sene ahayɔ mmepɔ.+
5 Akomam ahoɔdenfoɔ deɛ, wɔasɛe wɔn,+
Wɔatotɔ nko afa mu ada,+
Na akokoɔdurofoɔ no mu biara annya nsa amfa anko.+
6 O Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti, nteaseɛnam kafoɔ ne apɔnkɔ adeda hatee.+
7 Wo deɛ, wo ho yɛ hu,+
Na w’abufuo ano den nti, hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?+
8 Womaa wɔtee w’atemmuo firii soro;+
Asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,+
9 Ɛyɛɛ dinn berɛ a Onyankopɔn sɔre buu atɛn+
Sɛ ɔregye asase so ahobrɛasefoɔ no.+ Sela.
10 Onipa abufuo de nkamfoɔ bɛbrɛ wo;+
Na abufuo no nkaeɛ nso, wode bɛbɔ wo ho so.
11 Mo a moatwa Yehowa ho ahyia nyinaa, monhyɛ bɔ na momfa mma mo Nyankopɔn no.+
Osuro mu na momfa akyɛdeɛ mmra.+
12 Ɔbɛbrɛ akannifoɔ honhom ase;+
Ne ho yɛ asase so ahemfo hu.+