Romafoɔ
12 Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua mma+ sɛ afɔrebɔdeɛ+ a ɛte aseɛ+ a ɛyɛ kronkron+ na ɛsɔ Onyankopɔn ani,+ ɔsom kronn+ a adwene wom.+ 2 Na mommfa wiase nhyehyɛeɛ yi su,+ na mmom monnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforɔ,+ na moasɔ ahwɛ+ ahunu Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ na ɛsɔ ani na ɛdi mũ.+
3 Na menam adom a wɔde ama me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ ɔmmmu ne ho nntra deɛ ɛsɛ;+ na mmom ɔnnwene nnya anidahɔ adwene,+ sɛdeɛ Onyankopɔn asusu+ gyidie+ akyekyɛ ama obiara no. 4 Na sɛdeɛ yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua koro mu,+ na akwaa no nyinaa nni dwuma korɔ no, 5 saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso deɛ, nanso yɛyɛ nipadua koro+ wɔ Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.+ 6 Ɛnneɛ ɛsiane sɛ ɛsonsono yɛn akyɛdeɛ+ sɛdeɛ adom+ a wɔde adom yɛn teɛ nti, sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, momma yɛnhyɛ nkɔm sɛdeɛ gyidie a wɔasusu ama yɛn no teɛ; 7 anaa sɛ ɛyɛ ɔsom adwuma a, momma yɛntena ɔsom adwuma no mu;+ anaa deɛ ɔkyerɛkyerɛ+ no, ma no ntena ne nkyerɛkyerɛ no mu;+ 8 anaa deɛ ɔtu foɔ no, ma no ntena n’afotuo mu;+ deɛ ɔkyekyɛ nneɛma no, ɔnyi ne yam nyɛ;+ deɛ ɔyɛ ɔhwɛfoɔ+ no, ɔmfa mmɔdemmɔ nyɛ; deɛ ɔhu mmɔbɔ+ no, ɔnyɛ no anigyeɛ so.
9 Mommma nyaatwom+ mmma mo dɔ+ mu. Monkyiri bɔne,+ mommata papa ho.+ 10 Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.+ Monni kan mfa anidie+ mma mo ho mo ho. 11 Monnyɛ mo adwuma aniha so.+ Monyɛ hye honhom mu.+ Monsom Yehowa.+ 12 Monni ahurisie anidasoɔ no mu.+ Monnyina pintinn wɔ ahohia mu.+ Monkura mpaebɔ mu dendeenden.+ 13 Momma akronkronfoɔ deɛ wɔhia.+ Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.+ 14 Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtaa mo;+ monhyira,+ na monnnome.+ 15 Mo ne wɔn a wɔdi ahurisie nni ahurisie;+ na mo ne wɔn a wɔsu nsu. 16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, monnya saa mma afoforɔ;+ monnnwennwene nneɛma akɛseɛ ho,+ na mmom monni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafoɔ.+
17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Monnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. 18 Sɛ ɛbɛyɛ yie a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ+ mu. 19 Adɔfo, monnni mo ho werɛ,+ na mmom monnya mma Onyankopɔn abufuo;+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Aweredie wɔ me; me ara mɛtua ka, Yehowa na ɔseɛ.”+ 20 Mmom no, “sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyasramma ano agu n’atifi.”+ 21 Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.+