Asomafoɔ Nnwuma
12 Ɛbɛyɛ saa berɛ no ara mu na Ɔhene Herode tuu n’ani sii nnipa a wɔwɔ asafo no mu binom so dii wɔn ani.+ 2 Ɔde nkrantɛ kuu Yohane+ nua Yakobo.+ 3 Berɛ a ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani agye ho+ no, ɔtoaa so kɔkyee Petro nso. (Deɛ ɛteɛ ne sɛ na ɛyɛ berɛ a wɔdi paanoo a mmɔreka nnim.)+ 4 Na ne nsa kaa no no, ɔde no too afiase,+ na ɔdanee no maa akuo nnan a asraafoɔ nnan wɔ emu biara mu sɛ wɔnwɛn no nnidisoɔ nnidisoɔ, a na wayɛ n’adwene sɛ twam afahyɛ+ no akyi no, ɔde no bɛma nkurɔfoɔ no. 5 Enti na Petro da afiase, na asafo no kɔɔ so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ+ dendeenden maa no.
6 Afei berɛ a Herode de no rebɛma nkurɔfoɔ no, na Petro da asraafoɔ mmienu ntam saa anadwo no, na na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ wɔ ɛpono no ano rebɔ afiase no ho ban. 7 Na hwɛ! Yehowa bɔfoɔ bɛgyinaa+ hɔ, na hann bi hyerɛn afiase dan no mu. Ɔbɔɔ Petro nkyɛnmu nyanee no+ kaa sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa guu fam.+ 8 Ɔbɔfoɔ+ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Siesie wo ho na hyɛ wo mpaboa.” Ɔyɛɛ saa. Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’atadeɛ ngugusoɔ+ hyɛ na di m’akyi.” 9 Na ɔfirii adi dii n’akyi, na na ɔnnim sɛ deɛ ɔbɔfoɔ no reyɛ no yɛ asɛm paa ara a ɛresie. Nokorɛm no, na ɔsusu sɛ ɛyɛ anisoadehunu.+ 10 Wɔfaa awɛmfoɔ agyinaeɛ a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu hɔ kɔduruu dadeɛ pono a ɛkɔ kuro no mu no ano, na ɛno ara bue maa wɔn.+ Na wɔpueeɛ no, wɔkɔsii tempɔn baako so, na ɛhɔ ara na ɔbɔfoɔ no gyaa ne hɔ kɔeɛ. 11 Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: “Afei na mahunu paa sɛ Yehowa na ɔsomaa ne bɔfoɔ+ bɛyii+ me firii Herode nsam ne deɛ na Yudafoɔ no ani da soɔ nyinaa mu.”
12 Na ɔdwendwenee ho wieeɛ no, ɔkɔɔ Yohane a wɔfrɛ no Marko+ no maame Maria fie, baabi a na nnipa dodoɔ bi ahyiam rebɔ mpaeɛ no. 13 Berɛ a ɔbɔɔ abɔnten pono no mu no, abaawa bi a wɔfrɛ no Roda baeɛ, 14 na ɔtee Petro nne no, anigyeɛ nti, wammue pono no, na mmom ɔsan kɔɔ mu kɔbɔɔ amanneɛ sɛ Petro gyina aboboano hɔ. 15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woabɔ dam.” Nanso ɔsii so dua dendeenden sɛ ɛte saa. Afei wɔkaa sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfoɔ.”+ 16 Ná Petro da so ara gyina hɔ rebom. Berɛ a wɔbueeɛ no, wɔhunuu no maa wɔn ho dwirii wɔn. 17 Na ɔnyam+ ne nsa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm na ɔkaa sɛdeɛ Yehowa yii no firii afiase no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔse: “Monkɔka yeinom ho asɛm nkyerɛ Yakobo+ ne anuanom no.” Ɛnna ɔfirii adi kɔɔ baabi foforɔ.
18 Na adeɛ kyeeɛ+ no, deɛ aba Petro soɔ no maa asraafoɔ no ani so yɛɛ krakra a na ɛnyɛ asɛm ketewa. 19 Herode+ hwehwɛɛ no dendeenden, na berɛ a ɔnhu no no, ɔbisabisaa awɛmfoɔ no deɛ ɛsiiɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn nkɔtwe wɔn aso;+ na ɔfirii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔdii nna kakra wɔ hɔ.
20 Afei, n’ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na berɛ a wɔmaa Blasto a ɔhwɛ ɔhene daberɛ soɔ tee wɔn aseɛ no, wɔfirii aseɛ srɛ hwehwɛɛ asomdwoeɛ, ɛfiri sɛ na ɔhene no man no na ɛma wɔn man no aduane.+ 21 Na da a wɔahyɛ no duruiɛ no, Herode de ahentadeɛ hyehyɛɛ ne ho, na ɔtenaa atemmuo adwa so firii aseɛ kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Nkurɔfoɔ a wɔahyiam no nso firii aseɛ teateaam sɛ: “Onyame bi nne nie, ɛnyɛ onipa nne!”+ 23 Ɛhɔ ara na Yehowa bɔfoɔ bɔɔ no,+ ɛfiri sɛ wamfa animuonyam no amma Onyankopɔn;+ na ɔdɔree mmoaa wuiɛ.
24 Nanso Yehowa asɛm+ nyaa nkɔsoɔ na ɛtrɛeɛ.+
25 Na Barnaba+ ne Saul deɛ, berɛ a wɔde asetenadeɛ+ kɔsom wɔ Yerusalem wiee koraa no, wɔfaa Yohane+ a wɔfrɛ no Marko no kaa wɔn ho san baeɛ.