Luka
21 Na ɔmaa n’ani soɔ no, ɔhunuu sɛ adefoɔ no de wɔn akyɛdeɛ regu sika nnaka no mu.+ 2 Afei ɔhunuu sɛ okunafoɔ hiani bi de nkaprɛ mma mmienu* a ɛnsom bo ahe biara abɛgu mu wɔ hɔ,+ 3 na ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, ɛwom sɛ okunafoɔ yi yɛ ohiani deɛ, nanso deɛ ɔde agu mu no sene wɔn nyinaa deɛ.+ 4 Ɛfiri sɛ akyɛdeɛ a yeinom nyinaa de abɛgu mu no firi deɛ wɔanya ama no aboro soɔ mu, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de n’asetenadeɛ a ɔwɔ nyinaa abɛgu mu.”+
5 Akyire yi, berɛ a ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo pa ne nneɛma a wɔahyira soɔ ahyehyɛ no,+ 6 ɔkaa sɛ: “Nneɛma a mohunu yi, nna bi reba a wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ so wɔ ha a wɔnnwiri ngu fam.”+ 7 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn koraa na yeinom bɛba mu, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ berɛ a ɛtwa sɛ nneɛma yi ba no ho sɛnkyerɛnne?”+ 8 Ɔkaa sɛ: “Monhwɛ yie na wɔannaadaa mo;+ ɛfiri sɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a wɔahyɛ no abɛn.’+ Monnni wɔn akyi. 9 Bio nso, sɛ mote ɛko ne sakasaka a, mommmɔ hu.+ Na ɛtwa sɛ yeinom di kan sisie, nanso awieeɛ no remma wɔ hɔ ara.”
10 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman+ na ahennie atia ahennie;+ 11 na asasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na yaredɔm ne aduankɔm+ bɛba mmeammea; na ahudeɛ bɛba na nsɛnkyerɛnne akɛseɛ afiri soro aba.+
12 “Nanso ansa na yeinom nyinaa bɛba no, nkurɔfoɔ de wɔn nsa bɛka mo na wɔataa+ mo, de mo akɔ hyia adan mu ne afiase, atwe mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti.+ 13 Ɛbɛdane adansedie ama mo.+ 14 Enti momma no ntena mo akoma mu sɛ morenni kan nnwennwene sɛdeɛ mobɛyi mo ho ano,+ 15 na mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ nguo.+ 16 Bio nso, awofoɔ+ ne anuanom mmarima ne abusuafoɔ ne nnamfonom mpo bɛyi mo ama, na wɔbɛku mo mu binom;+ 17 na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.+ 18 Nanso mo tiri nwi+ baako mpo renyera da. 19 Sɛ monya boasetɔ a, mobɛnya mo kra.+
20 “Afei nso, sɛ mohunu sɛ asraafoɔdɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnneɛ monhunu sɛ n’amamfoyɛ abɛn.+ 21 Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so, na momma wɔn a wɔwɔ kuro no mu no mfiri mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraaseɛ no mmma mu;+ 22 ɛfiri sɛ yei yɛ aweredie nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ nyinaa bɛba mu.+ 23 Nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so na abufuo aba nkurɔfoɔ yi so; 24 na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no bɛtiatia Yerusalem so, akɔsi sɛ amanaman mmerɛ a wɔahyɛ+ no bɛwie duro.
25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba awia+ ne bosome ne nsoromma so, na amanaman ho ayera wɔn asase so a wɔrenhunu deɛ wɔnyɛ ɛsiane ɛpo+ a ɛrehuro na ɛrebu fa soɔ+ nti, 26 na ehu+ ne nneɛma a ɛreba asase soɔ+ no bɛma nnipa atotɔ piti; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+ 27 Na afei wɔbɛhunu sɛ onipa Ba+ no nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 28 Na sɛ nneɛma yi firi aseɛ sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.”
29 Enti, ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Monhwɛ borɔdɔma dua ne nnua a aka nyinaa:+ 30 Sɛ ɛnya fefɛ na mohwɛ a, mohunu sɛ ahuhuro berɛ abɛn.+ 31 Saa ara na mo nso sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi resisi a, monhunu sɛ Onyankopɔn ahennie no abɛn.+ 32 Nokorɛm mese mo sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛba mu.+ 33 Ɔsoro ne asase bɛtwam,+ nanso me nsɛm rentwam da.+
34 “Na monhwɛ mo ho so yie na adidi mmorosoɔ ne asanom ntrasoɔ+ ne asetena mu dadwene+ anhyɛ mo akoma so da, na da no ammɛto mo mpofirem+ 35 sɛ fidie.+ Ɛfiri sɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so.+ 36 Enti, monkɔ so nwɛn,+ na monsrɛ+ berɛ nyinaa na moatumi adwane nneɛma a ɛtwa sɛ ɛsisie yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”+
37 Enti sɛ ɛduru anɔpa a, ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ,+ na ɛduru anadwo a, ɔpue kɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so.+ 38 Na nkurɔfoɔ+ no nyinaa ba ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ anɔpahema bɛtie no.