2 Yohane
1 Me, ɔpanin,+ meretwerɛ akɔma awuraa a wɔayi no+ ne ne mma a medɔ wɔn nokorɛm,+ na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn nso a wɔabɛhunu nokorɛ no nyinaa,+ 2 ɛsiane nokorɛ no a ɛte yɛn mu nti,+ na ɛne yɛn bɛtena daa.+ 3 Yɛbɛnya adom,+ mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ afiri Agya Nyankopɔn+ ne Agya no Ba Yesu Kristo hɔ, nokorɛ ne ɔdɔ mu.+
4 M’ani agye paa ɛfiri sɛ mahunu sɛ wo mma+ no bi nam nokorɛ no mu,+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a yɛnya firii Agya no nkyɛn teɛ.+ 5 Enti seesei, awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ,+ na mmom deɛ yɛnya firii mfitiaseɛ+ no, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho.+ 6 Na deɛ ɔdɔ kyerɛ nie,+ sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ n’ahyɛdeɛ teɛ.+ Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ no, sɛ monkɔ so nnante mu.+ 7 Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase,+ nnipa a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu.+ Yei ne ɔdaadaafoɔ+ no ne deɛ ɔtia Kristo no.+
8 Monhwɛ yie na nneɛma a yɛayɛ adwuma anya no amfiri mo nsa, na mmom moanya akatua+ mũ. 9 Obiara a ɔpere di animu+ na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu+ no nni Onyankopɔn.+ Deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ yi mu no na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.+ 10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie+ na monnkyea no nso.+ 11 Na obiara a ɔbɛkyea no no yɛ ne bɔne no fafafoɔ.+
12 Ɛwom sɛ mewɔ nneɛma pii a anka mɛtwerɛ abrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire twerɛ,+ na mmom m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn ne mo abɛkasa animu ne animu,+ na mo anigyeɛ+ aboro so.+