2 Timoteo
2 Enti, me ba,+ kɔ so nya tumi+ wɔ adom+ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu, 2 na deɛ wote firii m’anom, a nnipa pii adi ho adanseɛ no,+ ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforɔ.+ 3 Sɛ́ Kristo Yesu sraani pa+ no, wo nso hunu amane.+ 4 Obiara nni hɔ a ɔreyɛ asraafoɔ adwuma+ a ɔde ne ho hyehyɛ adwadisɛm mu,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ deɛ ɔfaa no sraadie mu no ani. 5 Afei nso, sɛ obi si akan wɔ agodie mu a,+ wɔmfa abotire no mma no, gye sɛ wasi akan no sɛdeɛ ɛho mmara kyerɛ. 6 Ɛsɛ sɛ okuafoɔ a wayɛ adwumaden no na ɔdi kan di aba no bie.+ 7 Susu deɛ mereka yi ho daa; Awurade bɛma wo nneɛma nyinaa mu nhunumu.+
8 Kae sɛ wɔnyanee Yesu Kristo firii awufoɔ mu,+ na na ɔyɛ Dawid aseni,+ sɛdeɛ asɛmpa a meka no teɛ;+ 9 ɛno mu na merehunu amane na wɔagu me mpokyerɛ+ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ yi. Nanso Onyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyekyereeɛ.+ 10 Enti na mekɔ so nya adeɛ nyinaa mu boasetɔ, wɔn a wɔayi wɔn no nti,+ na ama wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.+ 11 Asɛm yi wom:+ Ampa ara sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena nkwa mu nso;+ 12 sɛ yɛkɔ so ara nya boasetɔ a, yɛne no bɛdi hene nso;+ sɛ yɛpo no a,+ ɔno nso bɛpo yɛn; 13 sɛ yɛanni nokorɛ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ,+ ɛfiri sɛ ɔrentumi mpo ne ho.
14 Kɔ so kae+ wɔn saa nsɛm yi, na di wɔn adanseɛ Onyankopɔn anim+ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkõ nsɛmfua ho,+ na ɛyɛ biribi a ɛso nni mfasoɔ koraa ɛfiri sɛ ɛsɛe wɔn a wɔtie no adwene. 15 Yɛ deɛ wobɛtumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a ɔfata,+ odwumayɛni+ a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho,+ a ɔkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.+ 16 Nanso twe wo ho firi nsɛnhunu a ɛtia deɛ ɛyɛ kronkron no ho;+ na wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ amumuyɔ mu,+ 17 na wɔn asɛm bɛtrɛ te sɛ yare bɔne.+ Wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto.+ 18 Saa mmarima yi amane afiri nokorɛ no ho,+ na wɔka sɛ owusɔreɛ no aba dada;+ na wɔresɛe ebinom gyidie.+ 19 Yei nyinaa mu no, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara gyina hɔ,+ na ɛwɔ nsɔano yi: “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ”;+ afei nso: “Ma obiara a ɔbɔ Yehowa din+ no ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.”+
20 Efie kɛseɛ mu no, ɛnyɛ sika ne dwetɛ anwenneɛ nko na ɛwom, na mmom nnua ne dɔteɛ deɛ nso wom bi, na wɔde bi yɛ nneɛma a ɛho wɔ nyam na wɔde afoforɔ yɛ nneɛma a ɛnni animuonyam.+ 21 Enti sɛ obi twe ne ho firi deɛ ɛnni animuonyam no ho a, ɔbɛyɛ adeɛ a wɔde di dwuma a ɛho wɔ nyam a wɔate ho na ɛho hia ma owura no, a wɔasiesie ama adwuma pa biara.+ 22 Enti, dwane mmeranteberɛ mu akɔnnɔ,+ na mmom di tenenee,+ gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ+ akyi, wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ+ mu frɛ Awurade no.
23 Bio nso, po nkwasea akyinnyegyeɛ a aba biara nnim,+ ɛfiri sɛ wonim sɛ ɛde ntɔkwa ba.+ 24 Nanso ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko,+ na mmom ɛsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa,+ ɔtumi kyerɛkyerɛ,+ ɔhyɛ ne ho so wɔ bɔne ho,+ 25 ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔte atua;+ sɛ́ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra+ akɔ nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mũ mu,+ 26 na ama wɔn ani aba wɔn ho so afiri Ɔbonsam fidie+ a ɔde akye wɔn+ sɛ wɔnyɛ n’apɛdeɛ no mu.