2 Timoteo
3 Na hunu yei sɛ nna a ɛdi akyire mu no,+ mmerɛ a emu yɛ den bɛba.+ 2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibereɛ, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofoɔ so asoɔdenfoɔ,+ bonniayɛfoɔ, wɔn a wɔnni nokorɛ,+ 3 wɔn a wɔnni tema,+ wɔn a wɔntumi ne wɔn nyɛ apam,+ dinsɛefoɔ,+ wɔn a wɔntumi nni wɔn ho soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ,+ wɔn a wɔmpɛ papa,+ 4 wɔn a wɔyi afoforɔ ma,+ wɔn a wɔyɛ asobrakyeɛ, wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ,+ wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ sene Onyankopɔn;+ 5 wɔde nyamesom pa adura wɔn anim,+ nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma;+ dane wo ho firi saa nnipa yi ho.+ 6 Na wɔn mu binom wiawia wɔn ho kɔ afie mu,+ na wɔfa mmaa a wɔyɛ mmerɛ a bɔne ahyɛ wɔn mã na akɔnnɔ ahodoɔ+ twetwe wɔn no nnommum, 7 na wɔsua adeɛ daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mũ no da.+
8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambre+ ko tiaa Mose no, saa ara na yeinom nso ko tia nokorɛ no,+ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa,+ wɔmfra wɔ gyidie mu.+ 9 Nanso, wɔrentumi nkɔ wɔn anim bio, ɛfiri sɛ wɔn adammɔ no bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛdeɛ saa mmarima mmienu no nso deɛ yɛeɛ no.+ 10 Wo deɛ, deɛ woadi akyire pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’asetena kwan,+ m’atirimpɔ, me gyidie, m’abodwokyɛreɛ, me dɔ, me boasetɔ, 11 me taa, m’amanehunu, deɛ ɛbaa me so Antiokia,+ Ikoniom+ ne Listra,+ ɔtaa a mefaa mu nyinaa; nanso Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.+ 12 Nokorɛm no, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.+ 13 Nanso nnipa bɔne ne nnaadaafoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, na wɔbɛdaadaa afoforɔ na wɔn nso wɔadaadaa wɔn.+
14 Na wo deɛ, tena deɛ woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokorɛ no mu,+ na wonim nnipa a wosua firii wɔn nkyɛn no,+ 15 na wofiri wo mmɔfraase+ nso nim atwerɛ kronkron no, na ɛno na ɛbɛtumi ama woahunu nyansa akɔ nkwagyeɛ+ mu nam Kristo Yesu mu gyidie so.+ 16 Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu,+ na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ,+ ntɛnyie,+ nneɛma atenetene,+ tenenee mu ntenesoɔ,+ 17 na Onyankopɔn nipa afata koraa+ a wɔasiesie no yie ama adwuma pa biara.+