Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Ayeyi dwom.
85 O Yehowa, woadom w’asase no;+
Woasan de Yakob mma nnommum no aba.+
2 Wode wo man mfomsoɔ akyɛ wɔn;+
Woakata wɔn bɔne nyinaa so.+ Sela.
3 Woama w’abufuo nyinaa agyae;+
Woadane afiri w’abufuhyeɛ ho.+
4 O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, san fa yɛn bra,+
Na yi yɛn ho abufuo firi wo mu.+
5 Wobɛkɔ so ama w’ani abere yɛn so afebɔɔ anaa?+
Wobɛyi w’abufuo adi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so anaa?+
6 Woremma yɛnnya ahoɔden bio+
Na wo man adi ahurisie wo mu anaa?+
7 O Yehowa, yi w’adɔeɛ adi kyerɛ yɛn,+
Na gye yɛn nkwa.+
8 Mɛtie deɛ nokorɛ Nyankopɔn Yehowa bɛka;+
Ɔbɛka asomdwoeɛ ho asɛm akyerɛ ne man+ ne n’anokwafoɔ,
Nanso mma wɔnnsan nnyɛ nkurɔfoɔ a wɔgye wɔn ho di dodo.+
9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na animuonyam atena yɛn asase soɔ.+
10 Adɔeɛ ne nokorɛ ahyia;+
Tenenee ne asomdwoeɛ nso, wɔadi mfeano.+
11 Asase mu na nokorɛ bɛfifire,+
Na ɔsoro na tenenee bɛfiri ahwɛ fam.+
12 Yehowa nso, adepa na ɔde bɛma,+
Na yɛn asase bɛbɔ ne nnɔbaeɛ.+
13 N’anim na tenenee bɛnanteɛ,+
Na n’anammɔn bɛyi kwan.+