Romafoɔ
4 Sɛ saa na ɛteɛ a, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam agya Abraham+ ho? 2 Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem+ a, anka ɔbɛnya deɛ ɔde bɛhoahoa ne ho; nanso ɛrenyɛ Onyankopɔn fam. 3 Na ɛdeɛn na twerɛsɛm no ka? “Abraham gyee Yehowa diiɛ, na wɔbuu no tenenee maa no.”+ 4 Afei, deɛ ɔyɛ nnwuma+ no, wɔmmu n’akatua sɛ adom,+ na mmom sɛ ɛka a wɔde no.+ 5 Nanso deɛ ɔnyɛ nnwuma na mmom ɔgye deɛ ɔbu ɔdebɔneyɛfoɔ bem die+ no, wɔbu ne gyidie sɛ adetenenee+ ma no. 6 Saa na Dawid nso ka anigyeɛ a obi nya berɛ a Onyankopɔn bu no ɔteneneeni a ɛnnyina nnwuma soɔ no ho asɛm sɛ: 7 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔde wɔn mmarato afiri wɔn+ na wɔakata wɔn bɔne soɔ;+ 8 anigyeɛ ne onipa a Yehowa mmu ne bɔne ngu ne soɔ.”+
9 Ɛnneɛ anigyeɛ yi ba twetiafoɔ nko ara so anaasɛ ɛba momonotofoɔ nso so bi?+ Ɛfiri sɛ yɛka sɛ: “Wɔbuu Abraham gyidie sɛ tenenee maa no.”+ 10 Ɛnneɛ tebea bɛn mu na wɔbuu no saa? Berɛ a ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no?+ Ɛnyɛ twetiatwa mu, na mmom momonotoyɛ mu. 11 Na ɔnyaa sɛnkyerɛnne+ a ɛne twetiatwa sɛ nsɔano maa ne tenenee a ɛgyina gyidie a ɔnyaa wɔ ne momonoto mu no so, na wayɛ momonotofoɔ a wɔwɔ gyidie+ nyinaa agya+ na wɔabu wɔn ateneneefoɔ; 12 na wayɛ agya ama asefoɔ a wɔatwa wɔn twetia, a ɛnyɛ wɔn a wɔbata twetiatwa ho nko, na mmom wɔn a wɔnante pɛpɛɛpɛ di saa gyidie no anammɔn akyi wɔ momonotoyɛ mu sɛdeɛ na yɛn agya+ Abraham teɛ no nso.
13 Na ɛnyɛ mmara so na Abraham anaa n’aseni nam nyaa bɔhyɛ+ sɛ ɔbɛnya wiase bi sɛ agyapadeɛ, na mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so.+ 14 Na sɛ wɔn a wɔbata mmara ho no yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie adane adehunu, na wɔagu bɔhyɛ+ no. 15 Nokorɛm no, Mmara no de abufuo ba,+ nanso deɛ mmara nnie no, mmarato biara nso nni hɔ.+
16 Ne saa nti ɛfiri gyidie mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛgyina adom+ soɔ, na ama bɔhyɛ+ no atim ama n’asefoɔ+ nyinaa, ɛnyɛ deɛ ɔbata mmara ho nko, na mmom deɛ ɔbata Abraham gyidie ho nso. (Ɔyɛ yɛn nyinaa agya,+ 17 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Mayi wo sɛ aman bebree agya.”)+ Yei sii Deɛ ɔnyaa ne mu gyidie, Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ+ na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmaeɛ sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ,+ no anim. 18 Ɛwom sɛ na anidasoɔ nni hɔ deɛ, nanso ɔgyinaa anidasoɔ so gye diiɛ,+ na wayɛ aman bebree agya+ sɛdeɛ wɔkaa sɛ: “Saa ara na w’asefoɔ bɛyɛ”+ no. 19 Na ɛwom sɛ ne gyidie anyɛ mmerɛ deɛ, nanso ɔsusuu ɔno ara ne nipadua a na ago+ dada no ho, ɛfiri sɛ na wadi bɛyɛ mfeɛ ɔha,+ ɛne Sara yafunu nso a na awuo+ no. 20 Nanso Onyankopɔn bɔhyɛ+ nti, gyidie a ɔnnie amma no annye kyim,+ na mmom ne gyidie maa no nyaa ahoɔden,+ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, 21 a na ɔgye di yie sɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no, ɔbɛtumi ayɛ+ nso. 22 Enti “wɔbuu no tenenee maa no.”+
23 Nanso ɛnyɛ ɔno nko ara nti na wɔtwerɛɛ+ sɛ “wɔbuu+ no saa maa no,” 24 na mmom yɛn a ɛtwa sɛ wɔbu no saa ma yɛn no nso, ɛfiri sɛ yɛgye deɛ ɔnyanee yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no di.+ 25 Yɛn mfomsoɔ nti na wɔyii no maeɛ,+ na yɛn bembuo nti na wɔnyanee no.+