Adiyisɛm
5 Na mehunuu nwoma mmobɔeɛ bi a wɔatwerɛ emu ne akyire,+ a wɔde nsɔano nson asɔ ano+ dendeenden, wɔ Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no nsa nifa mu. 2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ reteam sɛ: “Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔsane ne nsɔano no?” 3 Nanso ɔsoro oo, asase so oo, asase ase oo, ɔbaako mpo nni hɔ a na ɔbɛtumi abue nwoma no mu anaa ɔbɛtumi ahwɛ mu. 4 Afei mesuu paa ɛfiri sɛ wɔanhunu obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu anaa ɔhwɛ mu.+ 5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ nhini no,+ adi nkonim+ a enti ɔbɛtumi abue nwoma no mu ayi ne nsɔano nson no.”
6 Na mehunuu sɛ adwammaa+ bi a ɔte sɛ deɛ wɔaku no+ gyina ahennwa+ no ne honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ no mfimfini+ a ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson, na ani no yɛ Onyankopɔn ahonhom nson+ a wɔasoma wɔn asase nyinaa soɔ no. 7 Afei ɔkɔeɛ na ntɛm ara ɔgye firii Deɛ ɔte ahennwa no soɔ no+ nsa nifa mu. 8 Na berɛ a ɔgyee nwoma no, honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwee fam Adwammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sankuo+ ne sika nkuruwa a aduhwam ayɛ no mã; ná aduhwam+ no yɛ akronkronfoɔ no mpaebɔ.+ 9 Na wɔtoo dwom foforɔ+ sɛ: “Wofata sɛ wogye nwoma no na wote ne nsɔano ano, ɛfiri sɛ wɔkuu wo na wode wo mogya+ tɔɔ+ nnipa firii abusua ne kasa ne nkurɔfoɔ ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+ 10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfoɔ+ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛdi asase so ahene.”+
11 Afei mehunuiɛ, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne honhom abɔdeɛ no ne mpanimfoɔ no ho ahyia nne, na na wɔn dodoɔ yɛ ɔpedudu+ ne mpempem huhaa,+ 12 na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Adwammaa a wɔkuu no+ no fata sɛ ɔgye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nhyira.”+
13 Na abɔdeɛ biara a ɛwɔ soro ne asase so ne asase ase+ ne ɛpo so, ne deɛ ɛwom nyinaa no, metee sɛ wɔreka sɛ: “Nhyira ne anidie+ ne animuonyam+ ne ahoɔden nka Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no ne Adwammaa+ no daa daa.” 14 Na honhom abɔdeɛ nnan no kaa sɛ: “Amen!” na mpanimfoɔ+ no hwehwee fam someeɛ.+