1 Samuel
26 Akyire yi, Sif+ mmarima baa Saul nkyɛn wɔ Gibea+ bɛkaa sɛ: “Ɛnyɛ Dawid na wabɛhunta Hakila kokoɔ+ a ɛkyerɛ Yesimon+ no soɔ yi?” 2 Ɛnna Saul sɔre+ siane kɔɔ Sif serɛ soɔ, ɔne Israel mmarima mpem mmiɛnsa+ a wɔayi wɔn, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid wɔ Sif serɛ so. 3 Saul kyeree nsraban wɔ Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ Yesimon no so, ɛkwan ho. Saa berɛ no na Dawid te serɛ so, na ɔhunuu sɛ Saul adi n’akyi aba serɛ no so hɔ. 4 Enti Dawid somaa akwansrafoɔ+ kɔhwɛɛ sɛ Saul aba hɔ ampa a. 5 Akyire yi, Dawid sɔreeɛ, na ɔsiim kɔɔ baabi a Saul akyere nsraban no, na Dawid hunuu baabi a Saul ne Ner ba Abner+ a ɔyɛ ne sahene no deda; ná Saul da nsraban no mu,+ na nnipa no akyere nsraban atwa ne ho ahyia. 6 Ɛnna Dawid bisaa Hitini+ Ahimelek ne Seruia+ ba Abisai,+ Yoab nua no sɛ: “Hwan na ɔbɛsiane ne me akɔ Saul nkyɛn nsraban no mu?” Na Abisai kaa sɛ: “Me na me ne wo bɛkɔ.”+ 7 Na Dawid ne Abisai siim kɔɔ nkurɔfoɔ no mu anadwo; na hwɛ! Saul ada wɔ nsraban no mu, na ne pea si fam n’atifi, na Abner ne nnipa no nyinaa adeda atwa ne ho ahyia.
8 Ɛnna Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa+ nnɛ. Enti afei, mesrɛ wo, ma memfa pea nwɔ no baako pɛ nsi fam, merenwɔ no mprenu.” 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: “Nni no awu, na hwan na watene ne nsa aka deɛ Yehowa asra no+ na wafa ne ho adi pɛn?”+ 10 Na Dawid toaa so kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ Yehowa na ɔbɛbɔ no;+ anyɛ saa nso a, ne da bɛduru+ ama no awu, anaa ɔbɛkɔ ɔsa+ ama wɔapra no akɔ.+ 11 Ɛmpare me+ sɛ mɛgyina Yehowa anim+ atene me nsa+ aka deɛ Yehowa asra no!+ Enti mesrɛ wo, fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsutoa no ma yɛnkɔ.” 12 Enti Dawid faa pea ne nsutoa no firii Saul atifi, na wɔsii kwan so; obiara anhu wɔn,+ na obiara nso ante wɔn nka, na obiara annyane; ná wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ Yehowa na ɔmaa wɔdaa hatee.+ 13 Afei Dawid twaam kɔɔ ɛfã nohoa kɔgyinaa bepɔ so wɔ akyiri; ná ɛkwan a ɛda wɔn ntam no ware.
14 Ɛnna Dawid teaam frɛɛ nkurɔfoɔ no ne Ner ba Abner sɛ: “Abner, enti merefrɛ yi wonnye so?” Na Abner+ buaa sɛ: “Wo hwan na worefrɛ ɔhene yi?” 15 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: “Wonyɛ barima anaa? Hwan na ɔte sɛ woɔ wɔ Israel? Adɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene yi? Obi baa hɔ sɛ anka ɔrebɛdi wo wura ɔhene awu.+ 16 Deɛ woayɛ yi nyɛ. Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ mo nyinaa mofata wuo,+ ɛfiri sɛ moanwɛn+ mo wura a Yehowa asra no+ no. Afei monhwɛ deɛ ɔhene pea ne nsutoa+ a na ɛsi n’atifi no wɔ.”
17 Ɛnna Saul hunuu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔbisaa sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na meteɛ yi anaa?”+ Na Dawid buaa sɛ: “Me wura ɔhene, ɛyɛ me nne.” 18 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Adɛn nti na me wura retaa n’akoa+ yi? Ɛdeɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam?+ 19 Enti afei, mesrɛ wo, me wura ɔhene, tie w’akoa asɛm a mereka yi: Sɛ Yehowa na ɔrepiapia wo tia me a, ma no nnye me nsam aduane afɔdeɛ.+ Na sɛ ɛyɛ nnipa mma+ nso a, ɛnneɛ wɔadome wɔn Yehowa anim+ ɛfiri sɛ wɔapamo me nnɛ afiri Yehowa agyapadeɛ+ ho sɛdeɛ menni kyɛfa bi wɔ mu, na wɔaka sɛ, ‘Kɔ, kɔsom anyame foforɔ!’+ 20 Na afei mma me mogya nnhwie nngu fam Yehowa anim;+ sommorɔ+ baako pɛ yi na Israel hene afiri adi rekɔhwehwɛ no sɛdeɛ obi pamo akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ soɔ yi.”+
21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Mayɛ bɔne.+ Me ba Dawid, san bra na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra asom bo+ w’ani so nnɛ. Hwɛ! madi nkwaseasɛm, na mafom pii.” 22 Na Dawid kaa sɛ: “Ɔhene pea no nie, ma mmeranteɛ no baako mmra mmɛgye. 23 Na Yehowa na ɔbɛtua obiara ka, sɛdeɛ obiara tenenee+ ne ne nokorɛdie teɛ, ɛfiri sɛ ɛnnɛ Yehowa de wo hyɛɛ me nsa, nanso mampɛ sɛ metene me nsa ka deɛ Yehowa asra no.+ 24 Hwɛ, sɛdeɛ ɛnnɛ wo kra ayɛ adekɛseɛ m’ani soɔ no, saa ara na ma me kra nso nyɛ adekɛseɛ Yehowa ani soɔ,+ na ɔnyi me mfiri ahohia nyinaa mu.”+ 25 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Ɛnyɛ nnwuma nko na wode wo nsa bɛyɛ na mmom wobɛdi nkonim+ nso.” Na Dawid siim kɔɔ ne kwan, na Saul nso san kɔɔ baabi a ɔfiri baeɛ.+