Adiyisɛm
7 Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ+ nnan sɛ wɔgyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa nnan no mu+ dendeenden sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mframa biara remmɔ mfa asase anaa ɛpo anaa dua biara soɔ.+ 2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔde Onyankopɔn teasefoɔ no nsɔano+ firi awiapueeɛ+ reforo kɔ soro; na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ abɔfoɔ nnan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no 3 sɛ: “Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua no kɔsi sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn nkoa ano+ wɔ wɔn moma so.”+
4 Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ, mpem ɔha aduanan nnan,+ a wɔasɔ wɔn ano afiri Israel+ mma mmusuakuo nyinaa mu:+
5 Yuda+ abusuakuo mu mpem dumienu na wɔsɔɔ wɔn ano;
Ruben+ abusuakuo mu mpem dumienu;
Gad+ abusuakuo mu mpem dumienu;
6 Aser+ abusuakuo mu mpem dumienu;
Naftali+ abusuakuo mu mpem dumienu;
Manase+ abusuakuo mu mpem dumienu;
7 Simeon+ abusuakuo mu mpem dumienu;
Lewi+ abusuakuo mu mpem dumienu;
Isakar+ abusuakuo mu mpem dumienu;
8 Sebulon+ abusuakuo mu mpem dumienu;
Yosef+ abusuakuo mu mpem dumienu;
9 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri amanaman+ ne mmusuakuo ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahennwa+ no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wɔkurakura berɛ.+ 10 Na wɔde nne kɛseɛ team sɛ: “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahennwa+ no soɔ ne Adwammaa no hɔ.”+
11 Ná abɔfoɔ+ no nyinaa gyinagyina hɔ atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ+ no ne honhom abɔdeɛ nnan+ no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu ahennwa no anim, na wɔsom Onyankopɔn+ 12 kaa sɛ: “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi+ ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa. Amen.”+
13 Na mpanimfoɔ+ no baako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntade tenten fitafitaa+ yi yɛ hwannom na wɔfiri he?” 14 Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wonim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yeinom na wɔfiri ahohiahia kɛseɛ+ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ayɛ fitaa+ Adwammaa no mogya+ mu. 15 Ɛno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahennwa no anim;+ na wɔsom+ no awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie; na Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no bɛtrɛ ne ntomadan+ mu wɔ wɔn so. 16 Ɛkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na awia renhye wɔn na ɔhyew biara renka wɔn,+ 17 ɛfiri sɛ Adwammaa+ a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛhwɛ+ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asutire+ ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn ani so nisuo nyinaa.”+