Yakobo
4 Ɛhe na ɔsa ne ɛko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛnyɛ mo honam akɔnnɔ a ɛne mo akwaa di asie+ no mu na ɛfire?+ 2 Mo kɔn dɔ, nanso monnya. Modi awu+ na mo ani bere,+ nanso mo nsa nka. Mokõ+ na motu sa. Mo nsa nka ɛfiri sɛ mommisa. 3 Mobisa nanso mo nsa nka, ɛfiri sɛ mode adwemmɔne na ɛbisa,+ sɛ mode bɛdi mo honam akɔnnɔ akyi.+
4 Awaresɛefoɔ,+ monnim sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn?+ Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo+ no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.+ 5 Anaa mosusu sɛ twerɛsɛm no kaa no kwa sɛ: “Anibereɛ ne adeɛ a honhom+ a ɛte yɛn mu no kɔn dɔ”? 6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”+
7 Ne saa nti mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ Onyankopɔn ase; monsi Ɔbonsam kwan+ na ɔbɛdwane afiri mo ho.+ 8 Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.+ Monhohoro mo nsa, mo abɔnefoɔ,+ na monte mo akomam,+ mo a mo adwene yɛ ntanta.+ 9 Mo ho nhiahia mo na monni awerɛhoɔ na monsu.+ Mo sereɛ nnane awerɛhoɔ na mo anigyeɛ nnane abooboodie.+ 10 Mommrɛ mo ho ase Yehowa anim,+ na ɔbɛma mo so.+
11 Anuanom, monnkasa nntiatia mo ho.+ Deɛ ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu ne nua atɛn+ no kasa tia mmara na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, ɛnneɛ na wonyɛ mmara no yɛfoɔ, na mmom ɔtemmufoɔ.+ 12 Ɔbaako na ɔyɛ mmarahyɛfoɔ ne ɔtemmufoɔ,+ na ɔno na ɔtumi gye nkwa na ɔtumi sɛeɛ.+ Wo deɛ, wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?+
13 Afei montie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro yi so akɔdi afe wɔ hɔ, na yɛbɛdi dwa anya mfasoɔ”+ 14 berɛ a monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Na moyɛ suwisie a ɛyi ne ho adi berɛ tiaa bi na afei ɛyera.+ 15 Mmom no, deɛ ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ a,+ yɛbɛnya nkwa na yɛayɛ sei anaa sei.”+ 16 Nanso mode mo ahohoahoa mema mo ho so.+ Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne. 17 Enti obi a ɔnim papa na wanyɛ no,+ ɛyɛ bɔne+ ma no.