1 Timoteo
5 Ntwi ɔpanin anim.+ Mmom no, wo ne no nni sɛ agya, mmeranteɛ sɛ nua mmarimanom, 2 mmaa mpanimfoɔ+ sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nua mmaanom,+ ahoteɛ nyinaa mu.
3 Di akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ paa no ni.+ 4 Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, ma wɔnsua sɛ wɔbɛdi kan ada onyamesom pa adi wɔ wɔn ara afie+ na wɔatua wɔn awofoɔ+ ne wɔn nananom ka sɛdeɛ ɛsɛ, ɛfiri sɛ yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 5 Na ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ paa a ahia no+ no de n’ani to Onyankopɔn so,+ na ɔkura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu adesaeɛ ne adekyeeɛ.+ 6 Nanso deɛ ɔde ne ho ma ɔhonam akɔnnɔ+ no te ase deɛ, nanso wawu.+ 7 Enti kɔ so fa ahyɛdeɛ+ ahodoɔ yi ma, na obi annya wɔn ho asɛm anka.+ 8 Nokwasɛm nie, sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa,+ ne ne titire no, ne fiefoɔ+ a, wapa+ gyidie+ no, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie mpo.
9 Ansa na wɔde okunafoɔ bi din bɛka ho no, na wadi mfeɛ aduosia, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu baako yere,+ 10 deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ ɔtetee mma,+ ɔgyee ahɔhoɔ,+ ɔhohoroo akronkronfoɔ nan ho,+ ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu,+ ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.+
11 Nanso mfa akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ nka ho, ɛfiri sɛ sɛ ɛba sɛ wɔn nna ho atenka yi wɔn adwene firi Kristo so a,+ wɔpɛ sɛ wɔwareɛ, 12 na wɔnya atemmuo ɛfiri sɛ wɔapo wɔn kane gyidie no.+ 13 Berɛ korɔ no ara nso wɔsua aniha, nenam afie afie mu kwa; na ɛnyɛ sɛ wɔnyɛ hwee nko, na mmom wɔdi nsekuro de wɔn ho gyegye nkurɔfoɔ nsɛm mu+ nso, na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no wareɛ,+ na wɔwo mma+ hwɛ fie, na wɔamma ɔtamfo annya hokwan ansopa yɛn.+ 15 Nokorɛm no, ebinom amane akɔdi Satan akyi dada. 16 Sɛ ɔbaa gyidini bi wɔ akunafoɔ a, ma no mmoa wɔn+ na ammɛyɛ adesoa anto asafo no so. Ɛno bɛma wɔatumi aboa wɔn a wɔyɛ akunafoɔ paa no.+
17 Wɔmfa anidie+ mmɔho mma mpanimfoɔ a wɔdi nneɛma anim+ yie no, ɛnkanka wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ kasa ne nkyerɛkyerɛ mu no.+ 18 Na twerɛsɛm no ka sɛ: “Nkyekyere nantwie ano berɛ a ɔreporo ayuo+”; afei: “Odwumayɛni akatua sɛ no.”+ 19 Nnye soboɔ a wɔbɔ ɔpanin ntom, gye sɛ ɛgyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so.+ 20 Wɔn a wɔte bɔne+ mu no, yi wɔn ntɛn+ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ama wɔn a aka no nso asuro.+ 21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu+ ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim sɛ di yeinom ho dwuma a womfa ahoperɛ mmu atɛn, na womfa animhwɛ+ nyɛ biribiara.
22 Mpere wo ho mfa wo nsa+ ngu obi so+ da; mma afoforɔ bɔne nso mmmɛka wo;+ kɔ so yɛ kronn.+
23 Nnom nsuo bio, na mmom wo yafunu ne yareɛ a wotaa yareɛ nti, nom bobesa+ kakra.
24 Nnipa binom bɔne da adi ma obiara hunu,+ na ɛkɔwie atemmuo mu, nanso afoforɔ bɔne da adi akyire yi.+ 25 Saa ara na nnwuma pa nso da adi ma obiara hunu,+ na deɛ ɛnna adie mpo no, ɛso ntumi nkata daa.+