Dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Gitit*+ so. Kora mma dwom. Ayeyi dwom.
2 Me kra ani agyina Yehowa fie adihɔ, na aboto.+
M’akoma ne me honam to ahurisi dwom ma Onyankopɔn teasefoɔ no.+
3 Anomaa mpo anya atenaeɛ wɔ hɔ;
Asomfena nso ayɛ ne pirebuo wɔ hɔ,
Na ɔde ne mma agu mu—
Baabi a w’afɔrebukyia kɛseɛ no wɔ, O asafo Yehowa a woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn!
6 Sɛ wɔnam baka* nnua+ no mu wɔ asasetamaa no so a,
Wɔfa no sɛ ɛhɔ yɛ nsutire;
Ɛno mu na ɔkyerɛkyerɛfoɔ+ no de nhyira dura ne ho.
10 Ɛfiri sɛ wo fie adihɔ da koro die yɛ sene nna apem wɔ baabi foforɔ.+
Mɛgyina me Nyankopɔn fie kwan ano mmom+
Sene sɛ mɛnenam amumuyɔfoɔ ntomadan mu.+