Adiyisɛm
13 Na ɔkɔgyinaa mpoano anwea+ so.
Na mehunuu akekaboa+ bi a ɔwɔ mmɛn du+ ne tire+ nson sɛ ɔfiri po+ mu repue, na na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn ho, na abusudin+ nso wowɔ ne tiri ho. 2 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ne nan te sɛ sisire+ deɛ, na n’ano te sɛ gyata+ ano. Na ɔtweaseɛ+ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi+ kɛseɛ no maa aboa no.
3 Na mehunuu ne ti no mu baako te sɛ deɛ wɔatwa ama ɔreyɛ awuo, nanso wɔsaa ne pirakuro+ no na asase nyinaa dii aboa no akyi a ne ho yɛ wɔn nwanwa. 4 Na wɔsom ɔtweaseɛ no ɛfiri sɛ ɔde tumi maa aboa no, na wɔsom aboa no kaa sɛ: “Hwan na ɔte sɛ aboa no, na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?” 5 Na wɔmaa no ano a ɛka nsɛnkɛseɛ+ ne abususɛm,+ na wɔmaa no tumi a ɔde bɛyɛ adwuma abosome aduanan mmienu.+ 6 Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm+ tiaa Onyankopɔn, de tiaa ne din ne n’atenaeɛ, kyerɛ sɛ wɔn a wɔtete soro+ no. 7 Na wɔmaa no kwan+ sɛ ɔne akronkronfoɔ no nko na ɔnni wɔn so nkonim,+ na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ne aman nyinaa so tumi. 8 Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛsom no; wɔn mu biara nni hɔ a wɔatwerɛ ne din wɔ Adwammaa a wɔkuu+ no no nkwa nwoma+ mu, firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase.+
9 Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.+ 10 Sɛ nkoasom mu na ɛsɛ sɛ obi kɔ a, ɔbɛkɔ nkoasom+ mu. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛsɛ sɛ wɔde nkrantɛ ku no.+ Ɛha na akronkronfoɔ+ no boasetɔ+ ne wɔn gyidie+ ba asɛm no mu.
11 Na mehunuu aboa+ foforɔ sɛ ɔfiri asase mu repue,+ na na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ adwammaa, nanso ɔfirii aseɛ kasaa sɛ ɔtweaseɛ.+ 12 Ná ɔde aboa+ a ɔdi kan no tumi nyinaa yɛ adwuma wɔ n’anim. Na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ no som aboa a ɔdi kan a wɔsaa ne pirakuro no.+ 13 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne+ akɛseɛ, na ɔma egya mpo firi soro ba asase so wɔ adasamma anim.
14 Na ɛsiane nsɛnkyerɛnne a wɔma no yɛ wɔ aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔte asase soɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ ohoni+ mma aboa a ɔnyaa nkrantɛ kuro+ nanso ɔsan nyaa ahoɔden no. 15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa home mma aboa no honi no, na ama aboa no honi no akasa na wama wɔakum wɔn a wɔnsom aboa no honi+ no nyinaa.
16 Na ɔhyɛ obiara,+ nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn agyinahyɛdeɛ wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so,+ 17 na obiara ntumi ntɔ anaa ɔntɔn gye deɛ ɔwɔ agyinahyɛdeɛ no bie, aboa no din+ anaa ne din akontahyɛdeɛ no.+ 18 Ɛha na nyansa ba asɛm no mu: Ma deɛ ɔwɔ adwene mmu aboa no akontahyɛdeɛ no ano, ɛfiri sɛ ɛyɛ onipa+ akontahyɛdeɛ; na n’akontahyɛdeɛ no yɛ ahansia aduosia nsia.+