Yakobo
3 Me nuanom, ɛnsɛ sɛ mo mu bebree yɛ akyerɛkyerɛfoɔ,+ ɛfiri sɛ monim sɛ yɛn mmom na yɛbɛnya atemmuo a emu yɛ duro.+ 2 Ɛne sɛ yɛn nyinaa di mfomsoɔ mprɛ pii.+ Sɛ obi nni mfomsoɔ wɔ kasa mu a,+ ɛkyerɛ sɛ saa nipa no yɛ pɛ+ a ɔtumi to ne nipadua mũ no nyinaa nso nnareka. 3 Sɛ yɛto apɔnkɔ anom nnareka+ ma wɔtie yɛn a,+ yɛtumi danedane aboa mũ no nyinaa nso. 4 Hwɛ! Ɛhyɛn mpo, ɛwom sɛ ɛsõ na mframa denden na ɛtumi twe no deɛ, nanso akyerɛkyerɛkwan+ ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabi a ɔhyɛnkafoɔ no pɛ.
5 Saa ara na kɛtrɛma no nso yɛ kwaa ketewa nanso ɛtu ne ho paa.+ Hwɛ! Egya ketewa a ɛtumi hye kwaeɛ mũ! 6 Kɛtrɛma yɛ egya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɔ ahyɛ no mã, ɛfiri sɛ ɛde nkekaeɛ ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde egya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no. 7 Na nkekaboa ne nnomaa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔwɔ po mu nyinaa, ɔdasani tumi dwodwo wɔn na ɔdwodwo wɔn nso.+ 8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ɛyɛ adebɔne a wɔntumi nnwodwo no a awuduro ahyɛ no mã.+ 9 Ɛno na yɛde hyira Yehowa,+ Agya no,+ na ɛno ara nso na yɛde dome+ nnipa a wɔayɛ wɔn “Onyankopɔn nsɛsoɔ” no.+ 10 Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome firi ba.
Me nuanom, ɛnyɛ papa sɛ yei bɛkɔ so saa.+ 11 Asutire+ baako bɛtumi apu nsuo dɛdɛ ne nwononwono afiri faako anaa? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngodua aba? Na bobe nso bɛtumi aso borɔdɔma?+ Saa ara nso na nsuo nkyenenkyene rentumi mma nsuo dɛdɛ.
13 Mo mu hwan na ɔyɛ onyansafoɔ na n’adwenem abue? Ma no mfa ne bra pa no nna ne nnwuma adi+ wɔ ɔdwoɔ a ɛfiri nyansam mu. 14 Na sɛ mowɔ ahoɔyaa+ dendeenden ne mansotwe+ wɔ mo akomam a, monnhoahoa mo ho+ nnni atorɔ nntia nokorɛ no.+ 15 Yei nyɛ nyansa a ɛfiri soro ba no,+ na mmom ɛyɛ asase so+ ne honam ne adaemone deɛ.+ 16 Na baabi a ahoɔyaa+ ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne akyiwadeɛ biara wɔ.+
17 Na nyansa+ a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan no, ɛho te,+ ɛpɛ asomdwoeɛ,+ ɛwɔ nteaseɛ,+ ɛyɛ asoɔmmerɛ, mmɔborɔhunu ne aba pa+ ayɛ no mã, ɛnhwɛ nnipa anim nyɛ nyiyimu,+ ɛnyɛ nyaatwom.+ 18 Bio nso, wɔdua tenenee+ aba+ wɔ asomdwoeɛ+ mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ.+