Mateo
23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no ne n’asuafoɔ no+ sɛ: 2 “Mose adwa so na atwerɛfoɔ+ ne Farisifoɔ no teɛ.+ 3 Enti deɛ wɔka+ kyerɛ mo nyinaa, monni so na monyɛ, nanso monnyɛ wɔn nnwuma,+ ɛfiri sɛ wɔka nanso wɔnyɛ. 4 Wɔkyekyere nnesoa a ɛmu yɛ duro de to nnipa mmatiri so,+ nanso wɔn deɛ wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.+ 5 Nnwuma a wɔyɛ nyinaa, wɔyɛ no sɛdeɛ nnipa bɛhunu;+ wɔyɛ twerɛsɛm kotokuo*+ a wɔde bɔ wɔn ho ban no atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano+ akɛseɛ. 6 Wɔpɛ mpanin tenabea+ wɔ anwummeduane ase ne hyiadan mu nkonnwa a ɛwɔ animu no,+ 7 ne dwam nkyea+ ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn Rabi.+ 8 Nanso ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, ɛfiri sɛ ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ,+ na mo nyinaa moyɛ anuanom. 9 Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asase so, na ɔbaako ne mo Agya,+ Ɔsorosoroni no. 10 Afei nso ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo ‘akannifoɔ,’+ ɛfiri sɛ mo Kannifoɔ yɛ baako, ɔne Kristo. 11 Mmom no, ɛsɛ sɛ deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no yɛ mo somfoɔ.+ 12 Obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase,+ na obiara a ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.+
13 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ moto+ ɔsoro ahennie mu wɔ nnipa anim; mo+ a monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso momma wɔn kwan. 14 ——
15 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ!+ ɛfiri sɛ mofiri adi kɔ po ne asase kesee so kɔsakra obi, na ɔnya sakra a, moma no bɛfata ma Gehenna mmɔho mmienu sene mo ara.
16 “Monnue, akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ+ a moka sɛ, ‘Sɛ obi ka asɔrefie no ntam a, ɛnyɛ hwee, na sɛ ɔka asɔrefie hɔ sika no ntam a, asodie da ne so.’+ 17 Nkwaseafoɔ ne anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ kɛseɛ, sika no anaa asɔrefie a ate sika no ho no?+ 18 Afei nso, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; nanso sɛ obi ka ɛso ayɛyɛdeɛ no ntam a, asodie da ne so.’ 19 Anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ kɛseɛ, ayɛyɛdeɛ no anaa afɔrebukyia+ a ɛma ayɛyɛdeɛ no ho teɛ no? 20 Enti obiara a ɔka afɔrebukyia no ntam no, ɔka ɛno ne ɛso nneɛma nyinaa ntam; 21 na deɛ ɔka asɔrefie no ntam no, ɔka ɛno ne deɛ ɔte mu no ntam;+ 22 na deɛ ɔka ɔsoro ntam no, ɔka Onyankopɔn ahennwa+ ne deɛ ɔte soɔ no ntam.
23 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ moyi ɛme ne nunum ne kumin so ntotosoɔ du du+ na Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntenenee+ ne mmɔborɔhunu+ ne nokorɛdie no deɛ, momfa nyɛ hwee.+ Yeinom na ɛyɛ asɛdeɛ sɛ anka moyɛ, na mommmu mo ani nngu nneɛma foforɔ no so. 24 Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ+ a mosɔne nneɛma so yi nwansena+ nanso momene yoma!+
25 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ mohohoro kuruwa+ ne ayowa ho, nanso emu deɛ, afomdeɛ+ ne adufudepɛ ayɛ no mã. 26 Farisini nifirani,+ hohoro kuruwa+ ne ayowa no mu kane, na ama ɛho nso afi.
27 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ!+ ɛfiri sɛ mote sɛ adamena a wɔaka ho fitaa+ a ɛho yɛ fɛ, nanso emu deɛ, awufoɔ nnompe ne afĩdeɛ ahodoɔ nyinaa ayɛ no mã. 28 Saa ara na mo nso, nnipa ani so deɛ, mote sɛ ateneneefoɔ,+ nanso nyaatwom ne mmarato ayɛ mo mã.
29 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ!+ ɛfiri sɛ moto adiyifoɔ nna na mosiesie ateneneefoɔ ada,+ 30 na moka sɛ, ‘Sɛ na yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛremmoa wɔn mma wɔnhwie adiyifoɔ no mogya ngu.’+ 31 Enti moredi adanseɛ atia mo ho sɛ moyɛ wɔn a wɔkum adiyifoɔ no mma.+ 32 Ɛnneɛ, monhyɛ mo agyanom kuruwa+ mã.
33 “Awɔ, nhuritia mma,+ mobɛyɛ dɛn adwane Gehenna atemmuo?+ 34 Yei nti, meresoma+ adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn.+ Mobɛkum+ wɔn mu binom abɔ wɔn asɛndua mu, na mobɛka ebinom mpire+ mo hyia adan mu na moatan wɔn ani firi kuro so akɔ kuro so; 35 saa na ɛbɛma ateneneefoɔ mogya a wɔahwie agu asase so nyinaa aba mo soɔ,+ ɛfiri ɔteneneeni+ Habel+ mogya so kɔsi Barakia ba Sakaria mogya so, deɛ mokuu no kronkronbea ne afɔrebukyia ntam no.+ 36 Nokorɛm mese mo sɛ, nneɛma yi nyinaa bɛba saa awoɔ ntoatoasoɔ yi so.+
37 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ+ no na wosi wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ+—hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mepɛɛ sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase no!+ Nanso moampɛ.+ 38 Hwɛ! Wɔagya mo fie+ ama mo.+ 39 Na mese mo sɛ, ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ no morenhu me da kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu!’”+