1 Petro
2 Enti monyi bɔne+ ne nnaadaasɛm ne nyaatwomyɛ ne anibereɛ ne anoɔyaa biara ngu,+ 2 na te sɛ nkɔkoaa+ a wɔawo wɔn foforɔ no, monnya akɔnnɔ mma asɛm no mu nufosuo+ a wɔmfraa mu no, na monam so anyini akɔ nkwagyeɛ+ mu, 3 berɛ a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam yɛ no.+
4 Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɛboɔ+ a ɛte ase a nnipa+ apo no,+ nanso Onyankopɔn ayi no a ɔsom bo ma no,+ 5 na mo ara nso, wɔde mo resi honhom mu fie+ sɛ aboɔ a ɛte aseɛ ama moabɛyɛ asɔfokuo kronkron, na moabɔ honhom mu afɔdeɛ+ a ɛsɔ Onyankopɔn ani afa Yesu Kristo so.+ 6 Na ɛwɔ Twerɛnsɛm no mu sɛ: “Hwɛ mereto boɔ bi wɔ Sion, ɛboɔ a wɔayie, ntwea boɔ a wɔde to fapem, ɛboɔ a ɛsom bo; na obiara nni hɔ a ɔnya mu gyidie a ne nsa bɛsi fam.”+
7 Enti mo mmom na ɔsom bo ma mo, ɛfiri sɛ moyɛ agyidifoɔ; na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, “ɛboɔ korɔ no ara a adansifoɔ no poeɛ+ no abɛyɛ tweatiboɔ,”+ 8 ne “suntiboɔ ne watire boɔ.”+ Yeinom sunti ɛfiri sɛ wɔyɛ asɛm no ho asoɔden. Ɛno nso nti na wɔayi wɔn asi hɔ.+ 9 Nanso mo deɛ, moyɛ “abusua a wɔayi mo, adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapadeɛ soronko,+ sɛ monka” deɛ ɔfrɛɛ mo firii sum mu baa ne hann nwanwasoɔ+ mu no “nneyɛɛ pa nkyerɛ.”+ 10 Mo na kane no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man;+ mo na berɛ bi na wɔnhu mo mmɔbɔ, nanso seesei wɔahu mo mmɔbɔ.+
11 Adɔfoɔ, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ+ sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ+ a ɛne ɔkra no di asie no ho.+ 12 Monkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu,+ na adeɛ a enti wɔkasa tia mo sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔnam mo nnwuma pa+ a wɔn ara yɛ ho adansefoɔ no so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no.+
13 Awurade nti mommrɛ mo ho ase+ mma nnipa nhyehyɛeɛ nyinaa:+ sɛ́ ɛyɛ ɔhene+ a ɔyɛ otitire, 14 anaa amradofoɔ a ɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔtwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔnyi wɔn a wɔyɛ nnepa ayɛ.+ 15 Na yei na Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ bɛyɛ nnareka asi nsɛnhunu a nnipa a wɔnni adwene keka no ano.+ 16 Monyɛ sɛ wɔn a wɔade wɔn ho,+ nanso mommfa mo ahofadie no nnyɛ bɔne nkatanimu,+ na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.+ 17 Monni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom nyinaa,+ monsuro Nyankopɔn,+ monni ɔhene ni.+
18 Efie asomfoɔ mmrɛ wɔn ho ase+ mma wɔn wuranom osuro nyinaa mu,+ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ na wɔwɔ nteaseɛ nko, na mmom wɔn a wɔn asɛm yɛ den nso. 19 Na ɛsiane ahonim pa a obi pɛ sɛ ɔnya wɔ Onyankopɔn anim nti ɔdi awerɛhoɔ na ɔhunu amane a ɛnsɛ a, ɛsɔ ani.+ 20 Na sɛ moyɛ bɔne ma wɔboro mo na mode boasetɔ gyina mu a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ?+ Mmom sɛ adepa nti mohunu amane+ na mode boasetɔ gyina mu a, ɛno na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+
21 Nokorɛm no, yei nti na wɔfrɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo mpo hunuu amane maa mo,+ na ɔgyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi pɛɛ.+ 22 Wanyɛ bɔne biara,+ na wɔanhunu nnaadaasɛm nso n’anom.+ 23 Berɛ a wɔsopaa no no,+ wanyɛ bi antua ka.+ Berɛ a ɔrehunu amane no,+ wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ deɛ+ ɔbu atɛntenenee no nsa. 24 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne+ wɔ ɔno ara ne honam mu wɔ dua+ no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye yɛn afiri bɔne mu+ na yɛatena ase ama tenenee. Na “ɛnam ne ntampeɛ so na wɔsaa mo yareɛ.”+ 25 Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera;+ nanso seesei moasan aba mo kra hwɛfoɔ+ ne wɛmfoɔ nkyɛn.