Dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Maskil.* Dawid dwom.
2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so.+
Adwendwene mma me ho ntɔ me,+
Na me ho yera me,
3 Ɔtamfo nne ne ɔdebɔneyɛfoɔ ahodwan nti.+
Wɔka nsɛmmɔne gu me so daa,+
Na wɔnya me ho menasepɔ, abufuo mu.+
7 Hwɛ! Anka mɛtu akɔ akyirikyiri;+
Anka mɛtena serɛ so.+—Sela—
8 Anka mɛtu mmirika akɔ me dwankɔbea,
Afiri mframa kɛseɛ ne ahum no mu.”+
9 O Yehowa, ma wɔn adwene ntu mfra, na yɛ wɔn kasa basabasa,+
Na mahunu aniɛdensɛm ne akasakasa wɔ kuro no mu.+
12 Ɛnyɛ ɔtamfo na ɔbɔ me ahohora;+
Anka ɛrenha me.
Ɛnyɛ deɛ ɔkyiri me kɔkɔkɔkɔ na wama ne ho so atia me;+
Anka mede me ho bɛhunta no.+
13 Na mmom ɛyɛ wo, ɔdasani a wo ne me yɛ pɛ,+
Obi a meni woɔ, me mannifoɔ,+
14 Me yɔnko a me ne wo dii atirimusɛm,+
A yɛne nnipadɔm boom kɔɔ Onyankopɔn fie.+
Na baabiara a wɔteɛ no, nsɛmmɔne nko ara na ɛte wɔn mu.+
18 Ɔbɛgye me kra afiri ko a wɔko tia me no mu,+ na wama no anya asomdwoeɛ,
Ɛfiri sɛ nnipadɔm na wɔreko atia me.+
19 Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn,+
Deɛ Ɔte ahennwa so firi tete no+—Sela.—
Wɔn deɛ, wɔnsesã,+
Na wɔnsuro Nyankopɔn.+