Dwom. Kora mma ayeyi dwom. Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Mahalat so, sɛ wɔmfa nyɛ nnyesoɔ.
Esrahini Heman+ Maskil.
88 O Yehowa, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,+
Adekyeeɛ na mesu mefrɛ woɔ,+
Ne adesaeɛ, w’anim.+
2 Me mpaebɔ bɛduru w’anim.+
Yɛ aso ma me sufrɛ.+
3 Me kra abrɛ ne amanehunu,+
Na me nkwa abɛn Adamena.+
4 Wɔakan me afra wɔn a wɔrekɔ amena mu;+
Mayɛ sɛ ɔbarima a n’ahoɔden asa,+
5 Deɛ ne ho atɔ no sɛ owufoɔ;+
Mayɛ sɛ atɔfoɔ a wɔdeda asieeɛ+
A wonkae wɔn bio;
Wɔn a woayi wo nsa a ɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn soɔ no.+
6 Wode me ato amena a emu dɔ mu,
Amena donkodonko mu, esum mu.+
7 W’abufuo ato ahyɛ me so,+
Na woama w’asorɔkye nyinaa abu afa me so.+ Sela.
8 Woama m’amannifoɔ afiri me ho kɔ akyirikyiri;+
Woama madane abofonodeɛ ama wɔn.+
Mennya me ho atwayɛ na matumi afiri adi.+
9 M’amanehunu nti, m’ani so ayɛ wisiwisi.+
O Yehowa, masu mafrɛ wo da mũ nyinaa;+
Wo na matrɛ me nsam akyerɛ woɔ.+
10 Wobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wɔn a wɔawuwuo?+
Anaa awufoɔ bɛsɔre+
Na wɔakamfo wo?+ Sela.
11 Asieeɛ na wɔbɛka w’adɔeɛ ho asɛm?
Anaasɛ wɔbɛka wo nokorɛdie ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ amena mu?+
12 Woyɛ anwanwadeɛ wɔ sum mu a, wɔbɛhunu?+
Na wo tenenee nso, wɔbɛhunu no ɔdasani awieeɛ asase so?+
13 O Yehowa, wo na mesu mefrɛ woɔ,+
Na anɔpa biara, me mpaebɔ pue w’anim.+
14 O Yehowa, adɛn nti na woato me kra atwene yi?+
Adɛn nti na wode w’anim ahunta me?+
15 Mayɛ ɔmanehunufoɔ a ɔreyɛ awuo firi me mmɔfraase;+
Woama ahudeɛ pii aba me so.+
16 W’abufuhyeɛ nenam me ho pɛɛ;+
Wo ho ahudeɛ ama matɔre mum.+
17 Ɛtwa me ho hyia sɛ nsuo daa nyinaa;+
Ne nyinaa bom ba me so prɛko pɛ.
18 Woama me nnamfo ne me mfɛfoɔ afiri me ho kɔ akyirikyiri;+
Esum na abɛyɛ me mannifoɔ.+