116 Ɔdɔ ahyɛ me mã
Ɛfiri sɛ Yehowa tie me nne,+ me nkotɔsrɛ no.+
2 Wayɛ aso ama me,+
Na mɛsu mafrɛ no me nkwa nna nyinaa.+
3 Owuo nhoma twaa me ho hyiaeɛ,+
Na me ho hiahiaa me sɛdeɛ mewɔ Adamena mu.+
Ahohia ne awerɛhoɔ annyae me.+
4 Nanso Yehowa din na mebɔɔ sɛ:+
“O Yehowa, gye me kra ɛ!”+
5 Yehowa yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;+
Na yɛn Nyankopɔn ne Deɛ ɔhu mmɔbɔ.+
6 Yehowa wɛn wɔn a wɔnnim hwee.+
Mebotoeɛ, na ɔgyee me nkwa.+
7 O me kra, san kɔ wo homebea,+
Na Yehowa ne wo adi no yie.+
8 Ɛfiri sɛ woagye me kra afiri owuo mu,+
M’ani anhunu nisuo, na me nan ansunti.+
9 Mɛnante+ Yehowa anim, ateasefoɔ nsase so.+
10 Menyaa gyidie,+ na mekasaeɛ.+
M’ahohia dɔɔso me so sɛ.
11 Me deɛ, mekaa no ahopopoɔ mu sɛ:+
“Onipa biara yɛ ɔtorofoɔ.”+
12 Ɛdeɛn na mede bɛtua Yehowa ka,+
Papa a wayɛ me nyinaa ho?+
13 Nkwagyeɛ+ kɛseɛ kuruwa no na mɛma soɔ,
Na Yehowa din na mɛbɔ.+
14 Mɛtua me bɔhyɛ adeɛ ama Yehowa,+
Mɛtua no ne manfoɔ nyinaa anim.
15 Yehowa anokwafoɔ wuo
Yɛ aboɔden, n’ani so.+
16 O Yehowa,+
Meyɛ w’akoa.+
Meyɛ w’akoa, w’afenaa ba.+
Woasane nhoma a ɛkyekyere me no.+
17 Wo na mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama woɔ,+
Na Yehowa din na mɛbɔ.+
18 Mɛtua me bɔhyɛ adeɛ ama Yehowa,+
Mɛtua no ne manfoɔ nyinaa anim+
19 Wɔ Yehowa fie adihɔ hɔ,+
Wɔ wo mfimfini, O Yerusalem.+
Monyi Yah ayɛ!+