Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
139 O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na woni me.+
2 Wo na wonim m’asetena mu ne me sɔreɛ mu.+
Woahunu m’adwene firi akyirikyiri.+
3 M’akwantuo ne me nnaeɛ mu, wo na wobu ho akonta,+
Na wonim m’akwan nyinaa.+
4 Asɛm no nni me kɛtrɛma so,+
Nanso wo, Yehowa, wonim ne nyinaa dada.+
5 Woatwa me ho ahyia, m’anim ne m’akyi nyinaa;
Wode wo nsa ato me so.
6 Saa nimdeɛ yi yɛ me nwanwa dodo.+
Ɛwɔ soro ma me dodo sɛ mɛhunu mu.+
7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ,+
Na ɛhe na mɛtumi adwane afiri w’anim akorɔ?+
8 Sɛ meforo kɔ soro a, wonie;+
Na sɛ mesɛ me kɛtɛ Adamena mu a, ɛhɔ nso wowɔ hɔ.+
9 Sɛ mefa adekyeeɛ ntaban+
Kɔtena ɛpo bunu mu+ mpo a,
10 Ɛhɔ nso, wo nsa na ɛbɛkyerɛ me kwan,+
Na wo nsa nifa asɔ me mu.+
11 Sɛ nso meka sɛ: “Esum deɛ, ɛbɛkata me so!”+ a,
Ɛnneɛ anadwo na ɛbɛdane hann wɔ me soɔ.+
12 Anka esum mpo renyɛ sum mma wo;+
Anadwo bɛhyerɛn sɛ adekyeeɛ,+
Na esum ayɛ sɛ hann.+
13 Wo na woyɛɛ m’asaabo;+
Wode me siee me maame yam.+
14 Mɛkamfo wo ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+
Wo nnwuma yɛ nwanwa,+
Na me kra nim saa yie.+
15 Me nnompe anhunta wo+
Berɛ a woyɛɛ me ahuntaeɛ mu,+
Berɛ a wonwenee me asase yam tɔnn+ no.
16 Berɛ a meyɛ mogyatoa mpo no, w’ani hunuu me,+
Na wɔtwerɛɛ m’akwaa nyinaa wɔ wo nwoma mu,
Nna a wɔnweneeɛ no,+
Nanso na emu baako mpo nnya mmaeɛ.
17 Hwɛ sɛdeɛ wo nsusuiɛ som bo ma me!+
O Onyankopɔn, ne dodoɔ nni ano!+
18 Sɛ mese merekan a, anka ɛbɛdɔɔso mpo asene anwea.+
Sɛ menyane a, meda so ara wɔ w’anim.+
19 O Onyankopɔn, sɛ worekum ɔdebɔneyɛfoɔ ɛ!+
Anka mogyahwiegufoɔ+ bɛfiri me ho akɔ,
20 Wɔn na wɔkeka wo ho nsɛm sɛdeɛ wɔn adwene kyerɛ wɔn;+
W’atamfo no,+ wɔde wo din di agorɔ.+
21 O Yehowa, mentan wɔn a wɔkyiri wo kɔkɔkɔkɔ no anaa?+
Wɔn a wɔte wo so atua no, wɔn ho nyɛ me abofono anaa?+
22 Ɔtan fitaa na metan wɔn.+
Wɔyɛ m’atamfo paa.+
23 O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hunu deɛ ɛwɔ m’akoma mu.+
Hwehwɛ me mu, na hunu me mu dadwene,+
24 Na hwɛ sɛ mmusuo kwan bi wɔ me mu anaa,+
Na fa me si mmerɛsanten kwan so.+