Dawid dwom.
141 O Yehowa, masu mafrɛ wo.+
Yɛ ntɛm ma me.+
Sɛ mefrɛ wo a, yɛ aso na tie me nne.+
2 Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhwam+ w’anim,+
Na me nsa a mema soɔ no nyɛ sɛ anwummerɛ aduane afɔdeɛ.+
3 O Yehowa, wɛn m’ano ma me;+
Boa me ma menhwɛ m’anofafa pono ano.+
4 Mma m’akoma nnkɔ adebɔne biara so,+
Na me ne nnipa a wɔyɛ amumuyɔdeɛ+
Ankɔdi nsɛmmɔne amumuyɔ mu,+
Na manni wɔn akɔnnɔduane.+
5 Sɛ ɔteneneeni bɔ me a, ɛbɛyɛ adɔeɛ ama me;+
Sɛ ɔka m’anim a, ɛbɛyɛ sɛ ngo wɔ me tiri so,+
Na me tiri rempo.+
Wɔn ahohia mu mpo, mɛbɔ mpaeɛ ama wɔn.+
6 Wɔato wɔn atemmufoɔ afiri botan so agu,+
Nanso wɔn a wɔte me nsɛm deɛ, ɛyɛ wɔn dɛ.+
7 Sɛdeɛ wɔpae gya ma no pete fam no,
Saa ara na wɔapete yɛn nnompe Adamena kwan ano.+
8 Nanso, O Awurade Tumfoɔ Yehowa,+ wo na m’ani da wo soɔ.+
Wo na madwane abɛtoa woɔ.+
Mma wɔmmfa me kra nnkɔ ɔsɛeɛ mu.+
9 Gye me firi fidie a wɔasum me+
Ne amumuyɔfoɔ mfidie mu.+
10 Nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛtɔ wɔn ara atena mu,+
Na me deɛ, mɛtwam.