Habakuk
2 Mɛkɔ so agyina m’awɛneeɛ;+ mɛkɔ so agyina aban so ahwɛ+ deɛ ɔbɛka akyerɛ me+ na mahunu sɛdeɛ mɛbua me ntenesoɔ.+
2 Na Yehowa buaa me sɛ: “Twerɛ anisoadehunu no gu aboɔpono so ma emu nna hɔ fann,+ na deɛ ɔkenkan no atumi akan no yɔɔ.+ 3 Na anisoadehunu no retwɛn ne berɛ,+ na ɛhome hahyeehahyee repɛ ntɛm aba awieeɛ, na ɛrenni atorɔ. Sɛ ɛkyɛ mpo a, twɛn no ara, na ɛkwan biara so ɛbɛba.+ Ɛrenka akyi.
4 “Hwɛ, onipa a ne kra ahoran;+ ɛntene wɔ ne mu. Na ɔteneneeni deɛ, ne gyidie na ɛbɛgye no nkwa.+ 5 Nsã yɛ nkontomponi,+ na ɛma ɔbarima hoahoa ne ho;+ na deɛ watrɛ ne kra mu sɛ Adamena* na ɔte sɛ owuo a ɔmmee da+ no rennuru ne botaeɛ ho.+ Na ɔboaboa amanaman ano ba ne nkyɛn, na ɔka aman nyinaa boa ano n’anim.+ 6 Yeinom nyinaa remmu no bɛ,+ mmɔ no akutia, nkasa ntwi no anaa? Na obi bɛka sɛ,
“‘Ɛnkɔsi da bɛn na ɔbɛka nneɛma a ɛnyɛ ne dea abɔ soɔ?+ Ɔnnue, ɛfiri sɛ ne ka na ɔma no yɛ kɛseɛ!+ 7 W’akafoɔ rensɔre nnyina wo so mpofirem, na wɔn a wɔwoso wo dendeenden no rennyane, na wɔremfa wo sɛ asadeɛ anaa?+ 8 Ɛsiane sɛ woafom amanaman pii nneɛma nti, aman a aka nyinaa nso bɛfom wo nneɛma,+ ɛfiri sɛ wokaa adasamma mogya guiɛ, na woyɛɛ asase ne kuro ne emufoɔ nyinaa atirimuɔdenneɛ.+
9 “‘Deɛ ɔde mfaso bɔne ba ne fie+ na ɔyɛ ne pirebuo wɔ baabi a ɛkorɔn sɛdeɛ ɔbɛgye ne ho afiri mmusuo mu+ no nnue! 10 Woabɔ pɔ bɔne de ahyɛ wo fie aniwuo, woatwa nnipa pii agu,+ na wo kra da so ara yɛ bɔne.+ 11 Ɛboɔ bɛsũ yayaaya wɔ fasuo mu na mpuna agye so wɔ nnua mu.+
12 “‘Deɛ ɔde mogya kyekyere kuropɔn na ɔnam amumuyɔ so de kuro tim hɔ no nnue!+ 13 Hwɛ, ɛnyɛ asafo Yehowa na ɔma nnipa yɛ adwumaden ma egya na ɔma amanaman brɛ ma adehunu?+ 14 Yehowa animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛdeɛ nsuo kata po soɔ no.+
15 “‘Deɛ ɔma ne yɔnko biribi nom na ɔde n’abufuo ne n’anibereɛ ka ho ma no borɔ+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ n’adagya+ no nnue. 16 Animguaseɛ na ɛbɛmee woɔ, ɛnyɛ animuonyam.+ Wo nso nom bi+ na wɔnhunu sɛ woyɛ momonotoni.+ Kuruwa a ɛwɔ Yehowa nsa nifa mu no bɛduru wo so,+ na animguaseɛ bɛkata w’animuonyam so. 17 Na bɔne a wɔde dii Lebanon+ ne atirimuɔdensɛm a wɔde bɔɔ mmoa hu no bɛba wo so, ɛfiri sɛ wɔkaa adasamma mogya guiɛ na wɔyɛɛ asase+ ne kuro ne wɔn a wɔtete mu nyinaa bɔne.+ 18 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ dadeɛ honi ne atorɔ kyerɛkyerɛfoɔ+ soɔ?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfoɔ de ne ho to deɛ wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a ɛntumi nkasa?+
19 “‘Deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ: “Nyane!” na ɔka kyerɛ ɛboɔ mum sɛ: “Sɔre! Ɔno na ɔbɛkyerɛ adeɛ”!+ no nnue. Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ na adura ho,+ na home biara nni mu.+ 20 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+ Asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim!’”+