Mateo
11 Afei berɛ a Yesu maa n’asuafoɔ dumienu no akwankyerɛ wieeɛ no, ɔfirii adi sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔ wɔn nkuro no mu.+
2 Yohane wɔ afiase+ a ɔtee nnwuma a Kristo reyɛ no, ɔsomaa ɔno ara n’asuafoɔ 3 kɔbisaa no sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?”+ 4 Yesu bua see wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔka deɛ moteɛ na mohunu no nkyerɛ Yohane sɛ: 5 Anifirafoɔ hunu adeɛ bio,+ na mmubuafoɔ+ nante, akwatafoɔ+ ho fi na asotifoɔ+ te asɛm, wɔnyane awufoɔ+ na wɔka asɛmpa+ no kyerɛ ahiafoɔ; 6 anigyeɛ ne deɛ ɔnhunu suntidua biara wɔ me mu.”+
7 Berɛ a yeinom asi kwan so rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipakuo no sɛ: “Ɛdeɛn na mokɔɔ serɛ no so kɔhwɛeɛ?+ Demmire a mframa rewoso no anaa?+ 8 Ɛnneɛ, ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Ɔbarima a ɔhyɛ atadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfie.+ 9 Ɛdeɛn koraa nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ? Aane, mese mo sɛ ɛte saa, na ɔsene odiyifoɔ koraa.+ 10 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! me ara meresoma me bɔfoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan atwɛn woɔ!’+ 11 Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a mmaa+ awo wɔn mu no, obiara nsɔreeɛ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane Suboni; nanso deɛ ɔsua wɔ ɔsoro ahennie+ mu no yɛ kɛseɛ sene no. 12 Nanso ɛfiri Yohane Suboni berɛ so bɛsi nnɛ no, ɔsoro ahennie no ne botaeɛ a nnipa repere aduru ho, na wɔn a wɔrepere aduru ho no sɔ mu dendeenden.+ 13 Na Adiyifoɔ no ne Mmara no nyinaa hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so;+ 14 sɛ mopɛ sɛ mogye tom a, ɔno ara ne ‘Elia a ɛtwa sɛ ɔba no.’+ 15 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.+
16 “Hwan ho na mede awoɔ ntoatoasoɔ+ yi bɛtotoɔ? Ɛte sɛ mmɔfra nkumaa a wɔtete dwa mu a wɔteam frɛ wɔn mfɛfoɔ+ 17 sɛ, ‘Yɛhyɛnee atɛntɛbɛn maa mo, nanso moansa; yɛbɔɔ bena, nanso moanyɛ biribiara ankyerɛ sɛ mo werɛ aho.’+ 18 Saa ara nso na Yohane baeɛ, wannidi na wannom,+ nanso nkurɔfoɔ ka sɛ ‘Ɔwɔ adaemone’; 19 onipa Ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom,+ na nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.’+ Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.”+
20 Afei ɔfirii aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ n’ahoɔdenneɛ dodoɔ no ara wom no anim, ɛfiri sɛ wɔansakra:+ 21 “Korasin, due! Betsaida,+ due! ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔyɛɛ no mo mu no, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔ atweaatam ne nsõ+ mu dadaada. 22 Enti mese mo sɛ, ɛbɛyɛ mmerɛ ama Tiro ne Sidon Atemmu Da+ no asene mo.+ 23 Na wo Kapernaum,+ wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Adamena*+ mu na wobɛsiane akorɔ;+ ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔyɛɛ no wo mu no, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so ara wɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi. 24 Enti mese mo sɛ, Atemmu Da no, ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom asase asene wo.”+
25 Saa berɛ no na Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode yeinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ na woayi no adi akyerɛ nkɔkoaa.+ 26 Aane, O Agya, ɛfiri sɛ na yei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani. 27 M’Agya de nneɛma nyinaa ama me,+ na obiara nnim Ɔba no yie gye Agya no,+ na saa ara nso na obiara nnim Agya no yie gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.+ 28 Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa,+ mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. 29 Momfa me kɔndua+ nto mo ho so na monsua me,+ ɛfiri sɛ medwo,+ na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya home ama mo kra.+ 30 Na me kɔndua yɛ mmerɛ na m’adesoa yɛ hare.”+