Mateo
16 Ɛhɔ na Farisifoɔ+ ne Sadukifoɔ no kɔɔ ne nkyɛn, na ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.+ 2 Ɔbua see wɔn sɛ: “[[Sɛ ɛduru anwummerɛ a, moka sɛ ‘ewiem bɛte, ɛfiri sɛ ɔsoro abere’; 3 anɔpa nso, ‘Ewiem bɛyɛ nwunu ama nsuo atɔ nnɛ, ɛfiri sɛ ewiem abere na ayɛ kusuu.’ Motumi kyerɛ wiem tebea ase, nanso mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnne deɛ montumi nkyerɛ aseɛ.]]+ 4 Abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara+ sɛ Yona sɛnkyerɛnne no.”+ Ɛnna ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.+
5 Afei asuafoɔ no twaam kɔɔ asuogya na wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa paanoo.+ 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.”+ 7 Enti wɔfirii aseɛ dwendwenee ho kaa sɛ: “Yɛamfa paanoo biara.” 8 Yesu hunuu saa no, ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na paanoo a monnie nti moredwendwene, mo a mo gyidie sua?+ 9 Adɛn, monnya ntee aseɛ, na monkae paanoo nnum a wɔde maa nnipa mpemnum no ne nkɛntɛn dodoɔ a mosesaeɛ no?+ 10 Anaasɛ paanoo nson a wɔde maa nnipa mpemnan no ne nkɛntɛn dodoɔ a mosesaeɛ no?+ 11 Adɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo? Mmom no, monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.”+ 12 Ɛnna wɔhunuu sɛ ɛnyɛ paanoo mmɔreka ho na ɔse wɔnhwɛ yie, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ+ ho.
13 Afei berɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi mpɔtamu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Nkurɔfoɔ se onipa Ba no ne hwan?”+ 14 Wɔkaa sɛ: “Ebinom ka sɛ Yohane Suboni,+ ebinom nso ka sɛ Elia,+ na ebinom nso se Yeremia anaasɛ adiyifoɔ no mu baako.” 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na mo nso mose meyɛ hwan?”+ 16 Simon Petro buaa sɛ: “Wone Kristo no,+ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba.”+ 17 Yesu bua see no sɛ: “Yona ba Simon, anigyeɛ ne wo, ɛfiri sɛ ɛnyɛ honam ne mogya na ɛyii no adi kyerɛɛ woɔ, na mmom m’Agya a ɔwɔ soro no.+ 18 Afei mese wo sɛ, wone Petro,+ na ɔbotan+ yi so na mɛsi m’asafo, na Adamena*+ apono renni so nkonim.+ 19 Mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere no asase soɔ no bɛyɛ deɛ wɔakyekyere no soro, na biribiara a wobɛsane no asase soɔ no bɛyɛ deɛ wɔasane no soro.”+ 20 Afei ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.+
21 Ɛfiri saa berɛ no Yesu Kristo firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ ɛtwa sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nsam na wɔku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.+ 22 Yei maa Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; yei remma wo so koraa.”+ 23 Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Firi me so, Satan!+ Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Onyankopɔn adwene,+ na mmom nnipa adwene.”
24 Afei Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na ɔnni m’akyi daa.+ 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no bɛhwere; nanso obiara a me nti ɔbɛhwere ne kra no nsa bɛka.+ 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?+ anaasɛ ɛdeɛn na obi de bɛsesa ne kra?+ 27 Ɛtwa sɛ onipa Ba no ba n’Agya animuonyam mu a n’abɔfoɔ ka ne ho, na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+ 28 Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ da kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no reba n’ahennie mu.”+