Luka
16 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: “Na ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiehwɛfoɔ+ bi, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ n’agyapadeɛ basabasa.+ 2 Enti ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na mete fa wo ho yi? Bɛbu wo fiehwɛ adwuma no ho akonta,+ ɛfiri sɛ wontumi nhwɛ fie no so bio.’ 3 Ɛnna efiehwɛfoɔ no ka kyerɛɛ ne ho sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, berɛ a me wura+ rebɛgye me fiehwɛ adwuma afiri me nsam yi? Me ho nyɛ den pii sɛ mɛtu fam, mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4 Ahaa! Menim deɛ mɛyɛ a sɛ wɔyi me adi firi efiehwɛ adwuma no mu a, nkurɔfoɔ bɛgye me akɔ wɔn afie.’+ 5 Na ɔfrɛɛ wɔn a wɔde ne wura ka no mu biara baa ne nkyɛn bisaa deɛ ɔdi kan no sɛ, ‘Wode me wura ka sɛn?’ 6 Ɔkaa sɛ, ‘Ngo bat susuhina ɔha.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Gye wo nhyehyɛeɛ nwoma no na tena ase twerɛ aduonum ntɛm ara.’ 7 Afei, ɔbisaa ɔfoforɔ sɛ, ‘Wo nso, wode ka sɛn?’ Ɔkaa sɛ, ‘Ayuo mmɔtɔ ɔha.’* Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Gye wo nhyehyɛeɛ nwoma no na twerɛ aduɔwɔtwe.’ 8 Ɛwom sɛ efiehwɛfoɔ no ntene deɛ, nanso ne wura no kamfoo no, ɛfiri sɛ ɔde n’adwene yɛɛ adwuma;+ na wiase nhyehyɛeɛ yi mma ani ate wɔ wɔn ara awoɔ ntoatoasoɔ yi mu sene hann mma.+
9 “Bio nso, mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene+ so nnya nnamfoɔ,+ na sɛ ɛsa a, wɔagye mo akɔ daa tenabea.+ 10 Onipa a ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ nso, na onipa a ɔntene ade ketewa mu no ntene pii mu nso.+ 11 Enti sɛ moanni nokorɛ wɔ ahonyadeɛ a ɛntene mu a, hwan na ɔde deɛ ɛyɛ nokorɛ bɛhyɛ mo nsa?+ 12 Na sɛ moanni nokorɛ wɔ deɛ ɛyɛ afoforɔ deɛ mu a,+ hwan na ɔde mo ara mo deɛ bɛma mo? 13 Efie somfoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi asom awuranom mmienu; anyɛ saa a, gye sɛ ɔtan baako na ɔdɔ baako, anaasɛ ɔbata baako ho na ɔbu baako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.”+
14 Afei nso na Farisifoɔ a wɔyɛ sikanibereɛ no retie yeinom nyinaa, na wɔfirii aseɛ dii ne ho fɛ.+ 15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na mobu mo ho bem nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu;+ ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ kokuroo wɔ nnipa anim no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn ani so.+
16 “Mmara no ne Adiyifoɔ no tenaa hɔ bɛsii Yohane so.+ Ɛfiri hɔ no, wɔreka Onyankopɔn ahennie no ho asɛm sɛ asɛmpa, na onipa biara yere ne ho wɔ ho.+ 17 Nokorɛm no, ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ+ sene sɛ Mmara no mu ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ+ baako bɛtɔ fam.+
18 “Obiara a ɔbɛgyaa ne yere aware foforɔ no asɛe awareɛ, na deɛ ɔbɛware ɔbaa a ne kunu agyaa no no asɛe awareɛ.+
19 “Ná onipa bi+ yɛ ɔdefoɔ, na ɔtaa hyɛ atade kɔkɔɔ ne nwera, na daa ɔde afɛfɛdeɛ gye n’ani.+ 20 Ná wɔtaa de ɔdesrɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Lasaro a ne ho nyinaa atutu akuro kɔtena n’aboboano, 21 na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔde nneɛma a ɛfiri ɔdefoɔ no didipono so gu fam no hyɛ ne yafunu mã. Afei nso na nkraman bɛtafere n’akuro no mu. 22 Na berɛ bi akyi no, ɔdesrɛfoɔ no wuiɛ+ na abɔfoɔ faa no kɔɔ Abraham+ kokom.+
“Ɔdefoɔ no nso wu+ maa wɔsiee no. 23 Na ɔmaa n’ani so wɔ Adamena* mu no, na ɔwɔ ahoyera mu,+ na ɔhunuu Abraham wɔ akyirikyiri a Lasaro wɔ ne kokom. 24 Enti ɔfrɛɛ no kaa sɛ, ‘Agya Abraham,+ hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsuo mu na ɔmfa mmɛdwodwo me kɛtrɛma,+ ɛfiri sɛ me ho yera me wɔ gyaframa yi mu.’+ 25 Na Abraham kaa sɛ, ‘Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no wonyaa nneɛma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, nneɛma bɔne na ɔnyaeɛ. Nanso afei, ɔrenya awerɛkyekyerɛ na wowɔ ahoyera mu.+ 26 Na yeinom nyinaa akyi no, wɔde eku+ kɛseɛ ato yɛne mo ntam,+ ma enti wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn no ntumi, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri hɔ ba yɛn nkyɛn no nso ntumi.’+ 27 Na ɔkaa sɛ, ‘Ɛnneɛ mesrɛ wo, agya, soma no ma no nkɔ me papa fie, 28 na mewɔ anuanom nnum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ yie, na wɔn nso amma saa ahoyera mu ha.’ 29 Na Abraham kaa sɛ, ‘Wɔwɔ Mose+ ne Adiyifoɔ+ no; ma wɔntie yeinom.’+ 30 Ɛnna ɔkaa sɛ, ‘Dabi, agya Abraham, mmom sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a na wɔbɛsakra.’ 31 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wɔantie Mose+ ne Adiyifoɔ no a, saa ara na sɛ obi sɔre firi awufoɔ mu a wɔrennye nnie.’”