8 Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na mmom nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde me baa sɛ memmɛyɛ Farao fotufoɔ panin* ne ne fie nyinaa so wura, na madi Egypt asaase nyinaa so.+
9 Na mmusua ti no ani beree Yosef,+ na wɔtɔn no kɔɔ Egypt.+ Nanso na Onyankopɔn ka ne ho,+10 na ɔgyee no firii ne haw nyinaa mu, na ɔmaa no nyaa adom ne nyansa wɔ Egypt hene Farao anim. Na Farao de Egypt ne ne fie nyinaa hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so.+