-
Genesis 37:7-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, na yɛwɔ wuram rekyekyere hwiit atifi atifi. Afei me hwiit a makyekyere no sɔre gyinaeɛ, na mo deɛ no twaa me deɛ no ho hyiaeɛ na ɛkotoo no.”+ 8 Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Worebɛyɛ ɔhene adi yɛn so anaa?”+ Ne daeɛ yi ne nsɛm a ɔkaeɛ no nti, wɔtan no senee kane no.
9 Ɛno akyi no, ɔsoo daeɛ foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso daeɛ foforɔ. Saa daeɛ yi deɛ, mehuu sɛ awia ne bosome ne nsoromma 11 rekoto me.”+
-