18 Berɛ a ne nkwa* refiri ne mu no, (saa berɛ no na ɔrewu) ɔtoo abɔfra no din Ben-Oni,* nanso ne papa frɛɛ no Benyamin.*+19 Enti Rahel wuiɛ, na wɔsiee no Efrat anaa Betlehem+ kwan so.
38 Nanso ɔkaa sɛ: “Meremma momfa me ba no nkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu ama no aka ɔno nko ara.+ Sɛ asiane bi kɔto no kwan so a, mobɛma madi awerɛhoɔ+ ara kɔsi sɛ mede me tiri so dwene bɛkɔ Adamena* mu.”+
7 Wɔbuaa sɛ: “Ɔbarima no ara na ɔbisaa yɛn abusua ho asɛm sɛ, ‘Mo papa da so te ase? Mowɔ nua foforɔ bi?’ Ɛnna yɛn nso yɛmaa no ɛho mmuaeɛ.+ Anka yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Monkɔfa mo nua no mmra’?”+